Publicidade

1 Coríntios 11

1 Monsua me sɛdeɛ mesua Kristo no.

Mmaa Kyɛfa

2 Mekamfo mo, ɛfiri , ɛberɛ biara, mokae me di me nkyerɛkyerɛ a mekyerɛɛ mo no so. 3 Na mepɛ mote aseɛ , ɔbarima tiri ne Kristo, na ɔbarima ɔbaa tiri, nanso Kristo tiri ne Onyankopɔn. 4 Enti, ɔbarima biara a ɔkata ne tiri so mpaeɛ anaa ɔka Onyankopɔn asɛm badwam no gu Kristo anim ase. 5 Na ɔbaa a ɔnkata ne tiri so na ɔbɔ mpaeɛ ka Onyankopɔn asɛm badwam no nso gu ne kunu anim ase. Nsonsonoeɛ biara nna ɔne ɔbaa a wayi ne tirinwi no ntam. 6 ɔbaa no nkata ne tiri so a, ɛsɛ ɔtwitwa ne tirinwi gu. Esiane ɛyɛ animguaseɛ ɔbaa bɛyi ne tirinwi anaa ɔbɛtwitwa agu no enti, ɛsɛ ɔkata so.

7 Ɛho nhia ɔbarima bɛkata ne tiri so, ɛfiri , ɔyɛ Onyankopɔn animuonyam ne ne sɛso 8 na wɔammɔ ɔbarima amfiri ɔbaa mu, na mmom, wɔbɔɔ ɔbaa firii ɔbarima mu. 9 Saa ara nso na ɛnyɛ ɔbaa enti na wɔbɔɔ ɔbarima, nanso ɔbaa deɛ, ɔbarima enti na wɔbɔɔ no. 10 Esiane saa asɛm yi ne abɔfoɔ no enti, ɛsɛ ɔbaa nya nkatasoɔ bi ne tiri so, de kyerɛ ɔhyɛ tumi bi ase. 11 Yɛn asetena Awurade mu no, ɔbaa nne ne ho ɛnna ɔbarima nso nne ne ho. 12 Na sɛdeɛ wɔbɔɔ ɔbaa firii ɔbarima mu no, saa ara nso na ɔbaa woo ɔbarima, na biribiara nso firi Onyankopɔn.

13 Ɛyɛ ɔbaa bɛbɔ mpaeɛ afrɛ Onyankopɔn badwa mu a biribiara nkata ne tiri so anaa? Mo ara mommua mfa. 14 Ɛnyɛ saa abɔdeɛ korɔ no ara na ɛka , ɔbarima tiri fu bebree a, ɛyɛ animguaseɛ ma no no? 15 Nanso, ɔbaa deɛ, ne tiri fu pii a, ɛyɛ animuonyam ma no no? Wɔama no nwi pii akatasoɔ. 16 Nanso, obi ɔgye ho akyinnyeɛ a, asɛm a mewɔ ka ho ara ne , yɛn anaa Onyankopɔn asafo no nni ɛkwan foforɔ biara a wɔfa so som.

Adidi Kronkron

17 Nhyehyɛeɛ a ɛdidi so yi a mereka akyerɛ mo yi, menkamfo mo, ɛfiri , mo asafo nhyiamu de ɔhaw brɛ mo mmom. 18 Deɛ ɛdi ɛkan no, mate mo ne mo ho mo ho di asie mo nhyiamu mu na megye di nokorɛ kakra mu. 19 Akyinnyeɛ biara nni ho ɛsɛ mo mu kyekyɛ sɛdeɛ nokorɛ bɛda adi. 20 mohyia kuo a, momma morebɛdi Awurade Adidi no. 21 Na mogu so redidi no, obiara di nʼaduane ɛberɛ a ɛkɔm de ebinom na afoforɔ nso aboboro nsã. 22 Mo ara monni afie a modidi nom mu? Anaasɛ mopɛ mogu Onyankopɔn asafo no ne wɔn a adeɛ ahia wɔn no anim ase? Ɛdeɛn na mohwehwɛ meka fa saa asɛm yi ho kyerɛ mo? Menkamfo mo anaa? Ɛsɛ mohunu ɛnsɛ mekamfo mo!

23 Awurade nkyɛn na menya nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ mo no , Awurade Yesu, anadwo a wɔyii no maeɛ no, ɔfaa burodo 24 na ɔdaa Onyankopɔn ase no, ɔbuu mu kaa , "Yei ne me onipadua a mede ma mo. Monyɛ yei mfa nkae me." 25 Saa ara na Adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa na ɔkaa , "Saa kuruwa yi Onyankopɔn apam foforɔ a wɔde me mogya ahyɛ mu den. Ɛberɛ biara a mobɛnom no, momfa nkae me." 26 Ɛberɛ biara a mobɛdi burodo no na mobɛnom kuruwa no ano no, monka Awurade wuo no ho asɛm kɔsi ɔbɛba.

27 Ɛkyerɛ , obi di Awurade burodo no na ɔnom kuruwa no ano ɛkwan a ɛmfata so a, ɔdi Awurade onipadua ne ne mogya no ho . 28 Enti ansa na obiara bɛdi burodo no, anom kuruwa no ano no, ɛsɛ ɔkari ne ho hwɛ. 29 Na wammu Awurade onipadua no na ɔdi nom firi kuruwa no mu a, ɔdi nom de atemmuo ba nʼankasa so. 30 Ɛno enti na mo mu bebree yareyare na moyɛ mmerɛ na mo mu pii awuwu no. 31 yɛkari yɛn ho hwɛ ansa a, yɛrenkɔ Onyankopɔn atemmuo mu. 32 Nanso, Awurade bu yɛn atɛn, twe yɛn aso sɛdeɛ ɔremmu yɛne ewiase nyinaa .

33 Ɛno enti, me nuanom, mohyia morekɔ Awurade Adidi no a, montwɛn mo ho mo ho. 34 ɛkɔm de obi a, ɔnnidi efie na Onyankopɔn ammu no atɛn wɔn nhyiamu no ase.

Nsɛm a aka no, meba a, mɛka ho asɛm.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-