Publicidade

1 Coríntios 15

Kristo Owusɔreɛ

1 Afei, anuanom, mepɛ mekae mo adwene fa Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no a mogye too mu, nam so maa mo gyidie mu yɛɛ den no ho. 2 Ɛno ne Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no. mokura Asɛmpa no mu denden a, mobɛnya nkwa, gye moannye anni.

3 Mekaa asɛm a meteeɛ a ɛho hia yie no kyerɛɛ mo , yɛn bɔne enti na Kristo wuiɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no Atwerɛsɛm mu , 4 wɔsiee no, na ne nnansa so no, ɔsɔre firii awufoɔ mu sɛdeɛ wɔatwerɛ Atwerɛsɛm no mu , 5 ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ Petro ne asomafoɔ dumienu no nyinaa. 6 Afei, mpofirim, ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ nʼakyidifoɔ bɛboro ahanum a wɔn mu bi te ase na wɔn mu bi nso awuwu. 7 Afei, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo ne asomafoɔ no nyinaa. 8 Akyire no koraa, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ me a meyɛ obi a wɔanwo me ntɛm.

9 Meyɛ obi a mesua koraa asomafoɔ no mu na memfata mpo wɔfrɛ me ɔsomafoɔ ɛfiri , metaa Onyankopɔn asafo. 10 Nanso, Onyankopɔn adom enti, mete deɛ mete no ara na adom a ɔde dom me no aboa me yie. Ama matumi ayɛ adwuma denden asene asomafoɔ a aka no nyinaa a ɛmfiri mʼankasa mʼahoɔden mu, na mmom Onyankopɔn adom no na ɛredi dwuma me mu. 11 Enti, ɛfiri me anaa ɛfiri wɔn no, Asɛmpa a yɛn nyinaa ka ni, na ɛno nso na mogye di.

Yɛn Owusɔreɛ

12 Afei, sɛdeɛ Asɛmpa no ka wɔama Kristo asɔre afiri awufoɔ mu no, adɛn na mo mu bi tumi ka wɔrentumi mma awufoɔ nsɔre? 13 saa nokorɛ deɛ a, na ɛkyerɛ wɔamma Kristo ansɔre amfiri awufoɔ mu. 14 Na wɔamma Kristo ansɔre amfiri awufoɔ mu a, na ɛkyerɛ , yɛnni asɛm biara ka, na mo nso monni asɛm biara a mobɛgye adi. 15 Ɛno akyi koraa na ɛkyerɛ , yɛredi atorɔ fa Onyankopɔn ho, ɛfiri , yɛka ɔno na ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu. Na awufoɔ ntumi nsɔre a, ɛnneɛ na wɔamma Kristo nso ansɔre amfiri awufoɔ mu. 16 awufoɔ ntumi nsɔre a, na Kristo nso ansɔre. 17 Na wɔamma Kristo ansɔre amfiri awufoɔ mu a, na mo gyidie no nnaadaa, na moda so yera mo bɔne mu. 18 Ɛsane kyerɛ , wɔn a na wɔgye Kristo di a wɔawuwu no ayera. 19 Na yɛn anidasoɔ Kristo mu no ma saa asetena yi nko ara a, ɛnneɛ na yɛyɛ mmɔbɔ sene obiara a ɔwɔ ewiase ha.

20 Nanso, nokorɛ a ɛwom ne , wɔama Kristo asɔre afiri awufoɔ mu de ahyɛ mo den wɔn a wɔadeda owuo mu no, wɔbɛma wɔasɔresɔre. 21 Na sɛdeɛ owuo nam onipa so baeɛ no, saa ara nso na owusɔreɛ nam onipa so ba. 22 Owuo nam Adam so baa yɛn nyinaa so; saa ara nso na Kristo de nkwa brɛɛ yɛn nyinaa. 23 Nanso, biribiara bɛyɛ nnidisoɔ nnidisoɔ a Kristo na ɔbɛdi ɛkan, na Kristo di ɛkan ba bio a, wɔn a wɔyɛ ne deɛ no nso adi akyire. 24 Afei Kristo sɛe ahonhom mu atumfoɔ, ahoɔden ne tumi nyinaa a, awieeɛ no bɛba, na ɔde Ahennie no ama Onyankopɔn a ɔyɛ Agya no. 25 Ɛfiri , ɛsɛ Kristo di ɔhene kɔsi ɔbɛdi nʼatamfoɔ nyinaa so na ɔde wɔn ahyɛ ne nan ase. 26 Ɔtamfoɔ a ɔtwa toɔ a ɔbɛdi ne so ne owuo. 27 Atwerɛsɛm no ka , "Ɔde nneɛma nyinaa bɛhyɛ ne tumi ase a," wɔmmfa Onyankopɔn nka ho. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ Kristo tumi ase. 28 Na wɔde nneɛma nyinaa hyɛ Kristo tumi ase a, ɔno ankasa a ɔyɛ Ɔba no de ne ho bɛhyɛ Onyankopɔn a ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ ne Ba no tumi ase no, ase; na Onyankopɔn adi biribiara so.

29 owusɔreɛ nni a, anka wɔn a wɔbɔ awufoɔ din asu no bɛyɛ dɛn? Wɔn adwene ne sɛn? ɛyɛ nokorɛ deɛ wɔka , wɔnnyane awufoɔ mma nkwa mu a, adɛn enti na wɔbɔ awufoɔ din wɔn asu? 30 Na adɛn na dɔnhwereɛ biara yɛde yɛn ho to amaneɛ mu? 31 Anuanom, dɔnhwereɛ biara mehyia owuo. Esiane Yesu enti, ahohoahoa a mewɔ mo mu, na ɛma me ka yei. 32 Modwene mfasoɔ bɛn na menyaa ɔko a me ne "nkekaboa" koo Efeso no? Na awufoɔ nsɔre mma nkwa mu a, ɛnneɛ

"Momma yɛnnidi na yɛnnom,

ɛfiri , ɔkyena yɛbɛwu" sɛdeɛ wɔka no.

33 "Mommma wɔnnnaadaa mo. Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa." 34 Monyɛ mo asɛdeɛ na monnyae mo akwammɔne no. Meka yei de hyɛ mo aniwuo mo mu bi nnim Onyankopɔn.

Nipadua A Ɛsɔre

35 Obi bɛbisa , "Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛtumi ama awufoɔ asɔre aba nkwa mu? Wɔbɛyɛ onipadua su bɛn?" 36 Ɔkwasea! wodua aba fam a, gye ɛwu ansa na afifiri. 37 Na deɛ wodua fam no, ɛnyɛ dua, na mmom ɛyɛ awi aba anaasɛ aba foforɔ bi. 38 Bɔbea a Onyankopɔn adwene ho ɔpɛ ɔde aba no na ɔde no; ɔma aba biara bɔbea a ɛfata no. 39 Honam a ɛkata ateasefoɔ ho no nyinaa nyɛ honam korɔ. Nnipa wɔn honam; mmoa wɔn deɛ; nnomaa wɔn deɛ ɛnna nsuomnam nso wɔn deɛ. 40 Ɔsoro onipadua , ɛnna ɛfam onipadua nso . Ahoɔfɛ bi ma ɔsoro onipadua nko ara, ɛnna ahoɔfɛ bi nso ma ɛfam onipadua. 41 Owia nʼankasa nʼahoɔfɛ. Ɔsrane ne deɛ nko; nsoromma ahoɔfɛ gu ahodoɔ; na nsoromma no mu nso wɔwɔ ahoɔfɛ su ahodoɔ.

42 wɔma awufoɔ sɔre ba nkwa mu a, saa ara na ɛbɛba. wɔsie onipadua no a, ɛporɔ; wɔma ɛsɔre nso a ɛmporɔ. 43 wɔsie onipadua a, ɛyɛ tan na ɛyɛ mmerɛ, nanso wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ na ɛnya ahoɔden. 44 wɔsie onipadua no a, ɛyɛ honam na wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ honhom.

Ɔhonam enti ɛsɛ honhom nso . 45 Atwerɛsɛm no ka , "Adam a ɔyɛ nnipa nyinaa kannifoɔ no, wɔbɔɔ no onipa ɔteasefoɔ"; nanso Adam a ɔtwa toɔ no Honhom a ɔma nkwa. 46 Ɛnyɛ honhom mo ni na ɔbaa kane. Ɔbaa deɛ ɔkura honam fam onipadua no akyi. 47 Wɔde fam mfuturo na ɛbɔɔ Adam a ɔdi ɛkan no. Adam a ɔtɔ so mmienu no firi ɔsoro. 48 Wɔn a wɔte asase so no te deɛ wɔde dɔteɛ bɔɔ no no; na wɔn a wɔyɛ ɔsoro mma no te wɔn a wɔfiri ɔsoro. 49 Sɛdeɛ yɛte nnipa a wɔde dɔteɛ bɔɔ yɛn no, saa ara na yɛbɛyɛ onipa a ɔfiri ɔsoro no.

50 Anuanom, deɛ mepɛ mekyerɛ ne , deɛ wɔde honam ne mogya ayɛ no nni kyɛfa Onyankopɔn Ahennie no mu; na deɛ ɛporɔ no ntumi ntena . 51 Montie saa ahintasɛm yi: Yɛn nyinaa renwu, nanso ɛberɛ tiawa bi mu wɔbɛsakyera yɛn nyinaa; 52 totorobɛnto a ɛtwa toɔ no a, nsakraeɛ no bɛyɛ anibueɛ. ɛbɔ a, awufoɔ bɛdane ateasefoɔ na yɛn nyinaa bɛsakyera. 53 Na deɛ ɛporɔ no de deɛ ɛmporɔ akata ne ho, na deɛ ɛwu no de deɛ ɛnwu akata ne ho. 54 Enti deɛ ɛporɔ de deɛ ɛmporɔ kata ne ho na deɛ ɛbɛwu de deɛ ɛrenwu kata ne ho a, Atwerɛsɛm no bɛba mu , "Wɔasɛe owuo; nkonim aba!"

55 "Owuo, wo nkonim he?

Owuo, wo nwowɔeɛ he?"

56 Owuo nya ne tumi firi bɔne mu na bɔne nso nya ne tumi firi Mmara no mu. 57 Nanso, yɛda Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛn tumi no ase!

58 Enti, me nuanom, monnyina pintinn. Ɛda biara monyɛ Awurade adwuma, ɛfiri , menim moyɛ Awurade adwuma a ɛrenyɛ ɔkwa da.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-