12 Obi se, "Mewɔ ho ɛkwan sɛ meyɛ deɛ mepɛ." Ɛwom saa; nanso ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ ma wo. Mɛtumi aka sɛ, "Mewɔ ho ɛkwan sɛ meyɛ biribiara." Nanso meremma biribiara ho ɛkwan ma ɛmfa me akoa. 13 Obi foforɔ nso bɛka sɛ, "Aduane wɔ hɔ ma yafunu na yafunu nso wɔ hɔ ma aduane." Ɛyɛ nokorɛ; nanso Onyankopɔn bɛma ne nyinaa aba awieeɛ. Ɛnsɛ sɛ onipa de ne onipadua ma adwamammɔ, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔde som Awurade, ɛfiri sɛ onipadua no yɛ Onyankopɔn dea.
Publicidade
1 Korintofoɔ 6:12,13
WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi
Em outras traduções
- WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea
12 Obi se, "Mewɔ ho kwan sɛ meyɛ nea mepɛ." Ɛwɔ mu saa; nanso ɛnyɛ biribiara na eye ma wo. Metumi aka se, "Mewɔ ho kwan sɛ meyɛ biribiara." Nanso meremma biribiara ho kwan mma ɛmfa me nyɛ akoa. 13 Obi foforo nso bɛka se, "Aduan wɔ hɔ ma ɔyafunu na ɔyafunu nso wɔ hɔ ma aduan." Ɛyɛ nokware; nanso Onyankopɔn bɛma ne nyinaa aba awiei. Ɛnsɛ sɛ onipa de ne nipadua ma aguamammɔ, na mmom ɛsɛ sɛ ɔde som Awurade, efisɛ nipadua no yɛ Onyankopɔn dea.
Direitos das traduções citadas
Estes versículos te tocaram? Ore agora!
+581 estão orando agora.
Junte-se à corrente de oração.