Publicidade

1 João 3

Onyankopɔn Mma

1 Monhwɛ ɔdɔ a Agya no yɛn. Ne a ɔdɔ yɛn no mu den enti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokorɛ nso. Ne saa enti ewiase nnim yɛn ɛfiri ɛnnim Onyankopɔn. 2 Me nuanom, seesei yɛyɛ Onyankopɔn mma, nanso deɛ daakye yɛbɛyɛ deɛ, yɛnnim. Nanso, yɛnim Kristo ba a, yɛbɛyɛ te ɔno, ɛfiri , yɛbɛhunu no sɛdeɛ ɔteɛ. 3 Obiara a ɔwɔ saa anidasoɔ yi Kristo mu no ne ho kronn sɛdeɛ Kristo kronn no.

4 Obiara a ɔyɛ bɔne no bu Onyankopɔn mmara so, ɛfiri , bɔne mmara so buo. 5 Monim Kristo baeɛ ɔrebɛfa nnipa bɔne, ɛfiri , ɔno deɛ bɔne nni ne mu. 6 Enti, obiara a ɔtena Kristo mu no nkɔ so nyɛ bɔne. Na obiara a ɔkɔ so bɔne no nhunuu no, na ɔnnim no.

7 Mommma obi nnaadaa mo, me mma. Obiara a ɔyɛ deɛ ɛtene no ɔteneneeni sɛdeɛ Kristo ɔteneneeni no. 8 Deɛ ɔkɔ so bɔne no ɔbonsam dea, ɛfiri , ɔbonsam firi ahyɛaseɛ pɛɛ na ɔyɛɛ bɔne. Saa asɛm yi enti na Onyankopɔn Ba no baeɛ. Ɔbaeɛ ɔrebɛsɛe ɔbonsam nnwuma. 9 Obiara a ɔyɛ Onyankopɔn Ba no nkɔ so nyɛ bɔne, ɛfiri Onyankopɔn su ne mu, na ɛsiane Onyankopɔn nʼAgya enti, ɔntumi nkɔ so nyɛ bɔne. 10 Nsonsonoeɛ a ɛda Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma ntam ne , obi a ɔnyɛ papa anaa ɔnnɔ ne nua no nyɛ Onyankopɔn ba.

Monnodɔ Mo Ho

11 Nsɛm a motee ahyɛaseɛ no kyerɛ , monnodɔ mo ho. 12 Ɛnsɛ yɛyɛ Kain. Na ɔyɛ ɔbonsam dea. Enti ɔkumm nʼankasa ne nua. Adɛn enti na Kain kumm no? Ɛfiri , nneɛma a ɔyɛeɛ no bɔne, nanso ne nua no deɛ, ɔyɛɛ papa. 13 Enti, anuanom, ewiasefoɔ tane mo a, mommma ɛnyɛ mo nwanwa. 14 Yɛnim yɛafiri owuo mu aba nkwa mu. Yɛnim saa, ɛfiri , yɛdɔ yɛn nuanom. 15 Obi a ɔtan ne nua no owudifoɔ na monim nso owudifoɔ nni nkwa a ɛnni awieeɛ ne mu.

16 Yei na ɛma yɛhunu sɛdeɛ ɔdɔ teɛ. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom. 17 obi ɔdefoɔ na ɔhunu biribi ho hia ne nua na wanhunu no mmɔbɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi aka ɔdɔ Onyankopɔn nʼakoma mu? 18 Me mma, ɛnsɛ yɛn no kasa hunu. Ɛsɛ ɛyɛ ɔdɔ turodoo a ɛnam nneyɛeɛ so da ne ho adi.

19 Yei na ɛbɛma yɛahunu yɛwɔ nokorɛ no. Yei na ɛbɛma yɛn akoma anya gyidie Onyankopɔn anim. 20 yɛn akoma bu yɛn mpo a, yɛnim Onyankopɔn so sene yɛn akoma na ɔnim biribiara. 21 Enti, anuanom adɔfoɔ, yɛn akoma ammu yɛn a, yɛwɔ akokoɔduru Onyankopɔn anim. 22 Biribiara a yɛbisa no no, yɛn nsa ka, ɛfiri , yɛdi ne mmara so na yɛyɛ nʼapɛdeɛ nso. 23 Ne mmara no ka , yɛnnye ne Ba Yesu Kristo no din mu na yɛnnodɔ yɛn ho sɛdeɛ Kristo hyɛɛ yɛn no. 24 Obiara a ɔdi Onyankopɔn mmara so no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu. Na yei na ɛma yɛhunu Onyankopɔn te yɛn mu. Yɛnim no saa ɛsiane Honhom a wama yɛn no enti.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-