10 Saa nkwagyeɛ yi na tete adiyifoɔ no de boasetɔ hwehwɛɛ mu, ɛberɛ a wɔhyɛɛ saa akyɛdeɛ yi a Onyankopɔn de bɛma mo no ho nkɔm. 11 Wɔpɛɛ sɛ wɔhunu ɛberɛ no ne ɛkwan a ɛnam so bɛba. Saa ɛberɛ yi ne ɛberɛ a Kristo Honhom a ɔte wɔn mu no kyerɛɛ wɔn wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ Kristo bɛhunu amane, na akyire no wanya animuonyam.