Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Petro 4

2 Ɛfiri seesei rekɔ no, mo nna a aka asase so ha no, ɛsɛ Onyankopɔn na ɔdi mo abrabɔ so na ɛnyɛ onipa akɔnnɔ. 3 Moasɛe mmerɛ bebree de ayɛ deɛ ɛsɛ abosonsomfoɔ na wɔyɛ. Motenaa ase ahohwie, akɔnnɔbɔne, nsãborɔ, agobɔne, adidimeeɛ ne abosonsom a ɛyɛ akyiwadeɛ mu. 4 Seesei ɛyɛ wɔn nwanwa mo ne wɔn mmɔ mu mmu ahuhubra no bio, ɛno enti, wɔyeyɛ mo. 5 Nanso, wɔbɛbu wɔn ho nkonta akyerɛ Onyankopɔn a wasiesie ne ho bu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no. 6 Saa enti na wɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ awufoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔgyina wɔn asetena yi mu nneyɛeɛ so bu wɔn atɛn a wɔn honhom ne Onyankopɔn bɛtena.

7 Biribiara awieeɛ abɛn. Ɛsɛ mohyɛ mo ho so na mowɛn na moatumi abɔ mpaeɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também