Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Timoteo 2:1-4

WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

Mpaeɛbɔ Ho Akwankyerɛ

1 Mʼafotuo ne sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, mehyɛ mo sɛ monsrɛ, mommɔ mpaeɛ, mommisa na monna Onyankopɔn ase mma nnipa nyinaa; 2 monyɛ saa ara mma ahemfo ne wɔn a tumi hyɛ wɔn nsa nyinaa na yɛatumi atena ase asomdwoeɛ mu wɔ onyamesom ne suban pa mu. 3 Yei yɛ, na ɛsɔ Onyankopɔn a ɔyɛ Agyenkwa a 4 ɔpɛ sɛ wɔgye nnipa nyinaa nkwa na wɔhunu nokorɛ no ani.

Em outras traduções

  1. WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

    1 Mʼafotu ne sɛ, nea edi kan no mehyɛ mo sɛ monsrɛ, mommɔ mpae, mummisa na monna Onyankopɔn ase mma nnipa nyinaa; 2 monyɛ saa ara mma ahemfo ne wɔn a tumi hyɛ wɔn nsa nyinaa na yɛatumi atena ase asomdwoe mu wɔ onyamesom ne suban pa mu. 3 Eyi ye, na ɛsɔ Onyankopɔn a ɔyɛ Agyenkwa a 4 ɔpɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wohu nokware no ani.

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.