Publicidade

1 Timóteo 3

Asafo Mpanimfoɔ

1 Ɛyɛ sɛnnahɔ , obi ɔyɛ asafopanin a, na wafa adwuma pa. 2 Asafopanin obi a mfomsoɔ nni ne ho. Ɛsɛ ne yere baako. Ɛsɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔhyɛ ne ho so ne biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ ɔgye ahɔhoɔ ne fie na ɔkyerɛkyerɛ nso. 3 Ɛnsɛ ɔyɛ ɔsadweam anaa basabasa, na mmom, ɛsɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔpɛ asomdwoeɛ. Ɛnsɛ ɔyɛ sikaniberefoɔ. 4 Ɛsɛ ɔtumi hwɛ ne fiefoɔ so yie na ɔtumi ma ne mma ɔsetie de obuo ne anidie ma no. 5 Na obi nnim sɛdeɛ ɔhwɛ ne fie so yie a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so? 6 Ɛnsɛ ɔyɛ obi a afei na wahunu Awurade; ɛba saa a, ne tirim bɛyɛ no na wayɛ ahomasoɔ ama wɔabu no atɛn sɛdeɛ wɔbuu ɔbonsam atɛn no. 7 Ɛsɛ wɔn a wɔnnyɛ akyidifoɔ no mpo de anidie ma no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrengu nʼanim ase na ɔbonsam afidie renyi no.

Asafo Mu Aboafoɔ

8 Ɛsɛ asafo mu aboafoɔ nso nnipa a wɔwɔ suban pa na wɔdi nokorɛ. Ɛnsɛ wɔnom nsã pii anaasɛ wɔyɛ aniberefoɔ. 9 Ɛsɛ wɔde adwenem fann gyina pintinn ma nokorɛ no ne gyidie no. 10 Ɛsɛ wɔsɔ wɔn hwɛ ansa, na wɔdi sɔhwɛ no so nkonim a, wɔasom.

11 Ɛsɛ wɔn yerenom nso suban pa a wɔnni nsekuro. Biribiara mu ɛsɛ wɔbrɛ wɔn ho ase di nokorɛ.

12 Ɛsɛ asafo no mu ɔboafoɔ no yere baako na afei ɔtumi hwɛ ne mma ne ne fiefoɔ yie. 13 Wɔn a wɔsom yie no bɛnya nnyinaso pa, na wɔn gyidie a wɔwɔ Kristo Yesu mu no nso ayɛ nam.

14 Saa nwoma a mede rebrɛ wo yi akyi no, mewɔ anidasoɔ ɛrenkyɛre biara mɛba wo nkyɛn. 15 Na mannuru wo nkyɛn ntɛm a, saa nwoma yi bɛma woahunu sɛdeɛ yɛbɔ yɛn bra Onyankopɔn fie. Efie a ɛyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no asafo a ɛyɛ nokorɛ no nnyinasoɔ. 16 Akyinnyeɛ biara nni ho , ahintasɛm a ɛwɔ nyamesom pa mu no krɔnn:

Ɔbaeɛ onipa tebea mu,

Honhom no buu no bem,

na abɔfoɔ hunuu no,

wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu,

na ewiase gyee no diiɛ,

wɔfaa no kɔɔ ɔsoro animuonyam mu.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-