Publicidade

1 Tessalonicenses 2

Paulo Adwumayɛ Tesalonika

1 Anuanom, mo ankasa monim nsra a yɛbɛsraa mo no anyɛ ɔkwa. 2 Monim ayayadeɛ a wɔyɛɛ yɛn ne ɔyea a wɔyaa yɛn Filipi ansa na yɛreba mo nkyɛn Tesalonika. Ɛwom na nnipa bi tia yɛn deɛ, nanso yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn den maa yɛkaa Asɛmpa a ɛfiri ne mu no. 3 Asɛmpa a yɛka kyerɛɛ mo no mfiri adwemmɔne anaa nnaadaa mu, na mmom, deɛ yɛkaeɛ no nokorɛ turodoo. 4 Daa yɛka nokorɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hwehwɛ yɛn yɛnka no, ɛfiri , ɔpene so na ɔde Asɛmpa no nso ama yɛn yɛnka. Yɛmpɛ yɛsɔ nnipa ani, na mmom, Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn adwene hwɛ no ani na yɛpɛ yɛsɔ. 5 Monim pefee yɛamma ha yɛrebɛka nnaadaasɛm akyerɛ mo anaasɛ yɛrebɛka nsɛm sikanibereɛ so. Onyankopɔn ne yɛn adanseɛ. 6 moyɛ Kristo asomafoɔ no enti, anka yɛwɔ ho kwan yɛpɛ animuonyam firi mo nkyɛn, nanso yɛmmisaa animuonyam mfirii mo anaasɛ onipa foforɔ bi nkyɛn. 7 Na yɛwɔ mo nkyɛn no, na yɛne mo te ɔdwoɔ so, sɛdeɛ ɔbaatan korɔkorɔ ne mma. 8 Yɛhwɛɛ mo yie, nyaa mo ho anigyeɛ sononko, mpo yɛdaa yɛn ho so yɛde yɛn nkwa bɛto ama mo ɛberɛ a yɛde Onyankopɔn Asɛmpa no brɛɛ mo no. 9 Anuanom, menim mokae adwuma a yɛyɛeɛ ne brɛ a yɛbrɛeɛ. Yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo sɛdeɛ Onyankopɔn Asɛmpa no ka a yɛka kyerɛɛ mo no, yɛremfa ɔhaw bi mmɛto mo so. 10 Mo ne Onyankopɔn yɛn adansefoɔ. Yɛn suban a yɛdaa no adi kyerɛɛ mo a mogyee Asɛmpa no diiɛ no kronn a ɛyɛ na mfomsoɔ biara nni ho. 11 Mo ara monim yɛne mo tenaa sɛdeɛ agya ne nʼankasa mma tena. 12 Yɛhyɛɛ mo nkuran; yɛkyekyeree mo werɛ na yɛkɔɔ so tuu mo fo montena ase ɛkwan a ɛsɔ Onyankopɔn a ɔfrɛ mo nʼAhennie ne nʼanimuonyam mu no so.

13 Daa yɛbɛda Onyankopɔn ase saa asɛm yi ho. Ɛberɛ a yɛkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no, motieeɛ, gye dii ɛnyɛ asɛm a ɛfiri onipa nkyɛn, na mmom, ampa ara , ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn. Mo a moagye adi no, Onyankopɔn adwuma mo mu. 14 Anuanom, nsɛm a ɛtotoo Onyankopɔn asafo a na ɛwowɔ Yudea ne nnipa a wɔwɔ a na wɔyɛ Kristo Yesu nkurɔfoɔ no bi ara na ato mo yi. Ɔtaa a mo ara mo manfoɔ taa mo no, saa ara na Yudafoɔ no nso taa asafo no. 15 Saa nnipa no kumm Awurade Yesu ne adiyifoɔ no, na wɔtaa yɛn nso. Onyankopɔn ani nsɔ wɔn, na wɔne nnipa di asi ɛberɛ biara. 16 Wɔbɔ mmɔden wɔbɛsi yɛn kwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛrentumi nkɔka asɛm a ɛbɛma amanamanmufoɔ no nkwagyeɛ nkyerɛ wɔn. Yei ma wɔn bɔne kɔɔ so daa. Na Onyankopɔn abufuo wɔn so.

Paulo Ɔkɔsra Wɔn Bio

17 Me nnamfonom, ɛberɛ tiawa bi mu no, yɛantumi amma mo nkyɛn, nanso ɛberɛ biara na yɛdwene mo ho. Yɛpɛɛ yɛhunu mo, na yɛbɔɔ mmɔden biara yɛbɛhyia mo ankasa. 18 Yɛpɛɛ yɛbɛsane aba mo nkyɛn. Me Paulo deɛ, na mepɛ meba boro pɛnkorɔ nanso ɔbonsam sii yɛn ho ɛkwan. 19 Nanso, ne nyinaa akyi no, mo nko ara ne yɛn anidasoɔ ne yɛn ahosɛpɛ. Na yɛbɛtumi ahoahoa yɛn ho nkonimdie mu Awurade Yesu anim ne ba no mu a, ɛgyina mo so. 20 Nokorɛm, yɛn ahohoahoa ne yɛn ahosɛpɛ gyina mo so.

Veja também

1 Tessalonicenses
Ver todos os capítulos de 1 Tessalonicenses
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-