Publicidade

1 Tessalonicenses 3

Asɛmpa A Ɛfiri Timoteo Nkyɛn

1 Akyire no a yɛhunuu yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yie no, yɛyɛɛ yɛn adwene yɛbɛtena Atene. 2 Enti, yɛsomaa yɛn nua Timoteo a yɛne no Onyankopɔn adwuma no ɔnkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ho mfa mmoa, nhyɛ mo gyidie den, 3 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔtaa no enti, mo mu biara mmɔ hu. Mo ara monim saa ɔtaa no Onyankopɔn a wahyehyɛ ama yɛn. 4 Ɛberɛ a na yɛne mo no, yɛdii ɛkan ka kyerɛɛ mo , wɔbɛtaa yɛn, na sɛdeɛ monim no, saa pɛpɛɛpɛ na aba yi. 5 Yei enti, ɛsiane na asɛm no hyɛ me so enti, mesomaa Timoteo ɔmmɛhwehwɛ mo gyidie mu. Mewɔ anidasoɔ ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ amma dwuma yɛadi no nyinaa anyɛ kwa.

6 Afei, Timoteo afiri mo nkyɛn aba yɛn nkyɛn abɛka anigyesɛm a ɛfa mo gyidie ne mo ho asɛm akyerɛ yɛn. Waka akyerɛ yɛn daa modwene yɛn ho adwene pa na mopɛ mohunu yɛn sɛdeɛ yɛn nso yɛpɛ yɛhunu mo no ara . 7 Enti, yɛn haw ne yɛn amanehunu no mu no, moahyɛ yɛn nkuran, 8 ɛfiri , mogyina pintinn Awurade mu a, na ɛma yɛn nso yɛtumi gyina biribiara ano yɛn asetena mu. 9 Ɛsɛ yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Mo enti, yɛda Onyankopɔn ase moama yɛn ho asɛpɛ yɛn nʼanim. 10 Daa awia ne anadwo, yɛfiri yɛn akoma nyinaa mu srɛ no , ɔmma yɛne mo nhyia na yɛmma mo deɛ ɛhia mo mo gyidie mu.

11 Ɔno ara yɛn Onyankopɔn ne Agya no ankasa ne yɛn Awurade Yesu Kristo nsiesie kwan na yɛmmra mo nkyɛn. 12 Awurade mma mo mu nyɛ den mmoro so mo ho mo ho ne afoforɔ mu, sɛdeɛ yɛn nso yɛdɔ mo no. 13 Mebɔ mpaeɛ Awurade ne ne nkurɔfoɔ nyinaa ba a, ɔbɛma mo akoma mu ayɛ kronkron a nkekaawa biara nni mu Agya Onyankopɔn anim.

Veja também

Publicidade
1 Tessalonicenses
Ver todos os capítulos de 1 Tessalonicenses
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-