15 Awurade nkyerɛkyerɛ a yɛreka akyerɛ mo no ne sɛ, ɛda a Awurade bɛba no, yɛn a yɛte ase yi renni awufoɔ no anim ɛkan. 16 Awurade no ankasa de ɔhyɛ a ano yɛ den, ɔbɔfoɔ panin nteamu ne Onyankopɔn totorobɛnto nnyegyeeɛ firi ɔsoro bɛba fam. Wɔn a wɔawuwu wɔ Kristo mu no bɛsɔre kane, 17 na wɔaboaboa yɛn a yɛte ase ɛberɛ no ne wɔn a wɔasɔre no ano wɔ omununkum mu ahyia Awurade wɔ ewiem. Na saa na yɛne Awurade bɛtena daa. 18 Enti, momfa saa asɛm yi nkyekyere obiara werɛ.
Publicidade