Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Tessalonicenses 5

4 Nanso, mo anuanom yi deɛ, monte esum mu enti ɛnsɛ saa da no fu mo mu ɔkorɔmfoɔ. 5 Mo nyinaa moyɛ hann ne adekyeeɛ mma. Yɛnyɛ anadwo ne sum mma. 6 Ɛno enti, ɛnsɛ yɛdeda afoforɔ no. Ɛsɛ yɛwɛn na yɛbrɛ yɛn ho ase. 7 Anadwo na nnipa da. Anadwo na nnipa boro nsã. 8 Nanso yɛyɛ adekyeeɛ mma enti ɛsɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛsɛ yɛhyɛ gyidie ne ɔdɔ nkataboɔ ne yɛn nkwagyeɛ anidasoɔ dadeɛ kyɛ. 9 Onyankopɔn anyi yɛn yɛmmɛhunu amane nʼabufuo ano, na mmom, ɔyii yɛn yɛbɛnya nkwagyeɛ Awurade Yesu Kristo mu.

Veja também

1 Tessalonicenses
Ver todos os capítulos de 1 Tessalonicenses