Publicidade

2 Coríntios 12

Paulo Anisoadehunu

1 Ɛwom ahohoahoa ho nni mfasoɔ biara deɛ, nanso ɛsɛ mehoahoa me ho. Nanso, afei mɛka anisoadehunu ne adiyisɛm a Awurade ada no adi akyerɛ me no. 2 Menim Okristoni bi a mfeɛ dunan nie, biribi hwimm no de no kɔɔ ɔsoro. Mennim saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehunu. Onyankopɔn nko ara na ɔnim. 3 Meti mu bio. Menim wɔhwimm saa ɔbarima yi kɔɔ Paradise. Bio mennim saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehunu. Onyankopɔn nko ara na ɔnim. 4 Na ɛhɔ na ɔtee nneɛma bi a wɔde ka nsɛm a ɛnyɛ yie, nneɛma a onipa anofafa ntumi nka. 5 Enti, mede saa onipa yi bɛhoahoa me ho na meremfa me ara me ho nhoahoa me ho gye nneɛma a ɛda me adi meyɛ mmerɛ no ho. 6 mehoahoa me ho mpo a, anka merenyɛ ɔkwasea, ɛfiri , nokorɛ ara na meka. Nanso, merenhoahoa me ho, ɛfiri , mempɛ obiara bu me otitire sene sɛdeɛ wahunu na wate afiri me nkyɛn no. 7 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛnam saa adiyisɛm nwanwaso yi enti meremma me ho so no, wɔsomaa ɔbonsam ɔbɔfoɔ ma ɔde honam mu yea a emu den brɛɛ me de brɛɛ me ase. 8 Mebɔɔ yei ho mpaeɛ mprɛnsa kyerɛɛ Awurade na mesrɛɛ no ɔmma ɛmfiri me so nkɔ. 9 Ne mmuaeɛ a ɔmaa me ne , "Mʼadom nko ara na ɛho hia wo, na ɛberɛ a woayɛ mmerɛ no na me tumi mu den pa ara." Enti, ɛyɛ me anigye pa ara mede me mmerɛyɛ hoahoa me ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛte Kristo banbɔ tumi a ɛbɔ me ho ban no nka. 10 Esiane Kristo enti, mepene mmerɛyɛ, ɔyea, amanehunu, ɔtaa ne akwansideɛ so. Ɛfiri , me mmerɛyɛ mu no na meyɛ den.

11 Meyɛ me ho ɔkwasea, nanso mo na moama mayɛ saa. Mo na anka ɛsɛ mogye me tom. Na menyɛ hwee a, ɛkwan biara so no, mennyɛ abomfiaa mo anim nsene "Asomafoɔ" a mobu wɔn no. 12 Mede boasetɔ dii dwuma mo mu de kyerɛɛ meyɛ ɔsomafoɔ. 13 Dwumadie no bi nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ. Adɛn enti na moyɛ asɔre a aka no mu abomfiaa, ɛfiri , mammisa mo mmoa bi nti? Mesrɛ mo momfa saa mfomsoɔ no nkyɛ me.

14 Yei ne ne mprɛnsa so a masiesie me ho mebɛsra mo. Na meba nso a, meremmisa mo biribiara. Mo na merehwehwɛ mo. 15 Ɛbɛyɛ me anigye mo enti, mɛhwere deɛ mewɔ ne mʼadagyeɛ de aboa mo. Esiane medɔ mo yie no enti, mo a modɔ me no so bɛte anaa? 16 Mobɛte aseɛ na mennyɛ adesoa mma mo. Nanso, obi bɛka , meyɛ ɔdaadaafoɔ a mede nnaadaa yii mo. 17 Ɛkwan bɛn so? Menam abɔfoɔ a mesomaa wɔn mo nkyɛn no so sisii mo anaa? 18 Mesomaa Tito ɔnkɔ, ɛnna mesomaa onua baako kaa ne ho. Mokyerɛ Tito sisii mo anaa? Ɔno ne me nyinaa kura adwene korɔ nni dwuma korɔ?

19 Ebia, modwene ara na yɛpɛ yɛka biribi de tete yɛn ho mo anim. Dabi! Yɛkasa sɛdeɛ Kristo yɛka Onyankopɔn anim. Na biribiara a yɛyɛ no nso, me nnamfo pa, yɛyɛ de boa mo. 20 Mesuro , meduru a, sɛdeɛ anka mepɛ mehunu mo no, merenhunu mo saa. Saa ara nso na sɛdeɛ anka mopɛ mohunu me no, morenhunu me saa. Menim mɛba abɛto akasakasa ne anibereɛ, abufuo ne pɛsɛmenkomenya, ɔyea ne nsekuro, ahantan ne basabasayɛ no. 21 Mesuro da a mɛba bio no, Onyankopɔn bɛgu mʼanim ase mo anim na mɛsu ama wɔn a wɔayɛ bɔne dada na wɔnnuu wɔn ho wɔn akɔnnɔ ne adwamammɔ ho no.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-