Bɔne Fakyɛ
5 Sɛ obi ahyɛ afoforɔ awerɛhoɔ a, ɛnyɛ me na wahyɛ me saa awerɛhoɔ no, na mo anaasɛ mo mu bi na wahyɛ no saa awerɛhoɔ no. Mempɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ saa onipa no so. 6 Asotwe a dodoɔ no ara atwe no no dɔɔso ma no. 7 Ɛsɛ sɛ mode kyɛ no na mokyekyere ne werɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a awerɛhoɔ renhyɛ ne so. 8 Mesrɛ mo, momma ɔnhunu sɛ mopɛ nʼasɛm pa ara.