Publicidade

2 Coríntios 6

1 Anuanom a yɛne Onyankopɔn bom adwuma, yɛsrɛ mo , Onyankopɔn adom a mo nsa aka no, monnnye no kwa. 2 Onyankopɔn se,

"Ɛberɛ a ɛsɛ mu no, mɛbua wo,

na nkwagyeɛ da no, mɛboa wo."

Montie! Dɔnhwere yi mu na ɛsɛ monya Onyankopɔn adom, na ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da no.

3 Yɛmmpɛ obiara bɛnya yɛn adwuma ho asɛm bɔne aka enti yɛmmpɛ yɛde suntidua to obiara kwan mu. 4 Biribiara a yɛbɛyɛ no, ɛsɛ yɛda yɛn ho adi Onyankopɔn nkoa na yɛde boasetɔ tumi gyina ɔhaw ne amaneɛ nyinaa ano. 5 Wɔahwe yɛn, wɔde yɛn ato afiase, ɛdɔm baa yɛn so, wɔama yɛayɛ adwuma a ɛboro yɛn so, yɛasi , akyene kɔm. 6 Nanso, yɛnam yɛn kronnyɛ, osuahunu, boasetɔ ne ayamyɛ so ada yɛn ho adi yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ. Afei, yɛnam Honhom Kronkron no so, yɛn nokorɛ , 7 yɛn nokwasɛm a yɛka ne Onyankopɔn tumi so kyerɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ. Tenenee ne yɛn akokyɛm a yɛde ɔtamfoɔ so na yɛde yɛn ho ban nso. 8 wɔhoahoa yɛn o, wɔgu yɛn anim ase o, wɔya yɛn o, wɔkamfo yɛn o, yɛkɔ so ara som Onyankopɔn. Wɔbu yɛn atorofoɔ nanso yɛka nokorɛ. 9 Wɔyɛ wɔn ho sɛdeɛ wɔnnim yɛn nanso obiara nim yɛn. Yɛwuiɛ, sɛdeɛ mohunu no, nanso yɛte ase. Ɛwom wɔtwee yɛn aso nanso wɔankum yɛn. 10 Wɔmaa yɛn werɛ hoeɛ nanso yɛn ani gye daa. Yɛsɛ ahiafoɔ nanso yɛma nnipa bebree nya wɔn ho. Asɛ yɛn nsam nni hwee, nanso yɛwɔ biribiara.

11 Me nnamfonom a mowɔ Korinto, yɛabue yɛn akoma mu aka nokorɛ akyerɛ mo. 12 Yɛmfaa biribiara nsiee mo yɛn akoma mu na mo na mode nsɛm asie yɛn mo akoma mu. 13 Seesei, mekasa mekyerɛ mo me mma: sɛdeɛ yɛdwene mo ho no, mo nso monnwene yɛn ho saa ara bi. Mommfa biribiara nsie yɛn. Mommue mo akoma mu!

Kɔkɔbɔ

14 Monnyaa mo ho mma abosonsomfoɔ, ɛfiri , moyɛ no saa a, ɛnyɛ yie. Ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ ahyia? Ɛbɛyɛ dɛn na hann ne sum atena faako? 15 Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo ne ɔbonsam adwene ahyia? Ɛdeɛn na ogyidini ne deɛ ɔnyɛ ogyidini ? 16 Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛeɛ? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛdeɛ Onyankopɔn no ankasa aka ,

"Mede me nkurɔfoɔ bɛyɛ me fie

na matena wɔn mu;

mɛyɛ wɔn Onyankopɔn

na wɔayɛ me nkurɔfoɔ."

17 Ɛno enti,

"Monkɔ. Momfiri nkɔ

mommfa mo ho nka biribiara a ɛho nteɛ.

Awurade na ɔseɛ.

Monte mo ho mfiri deɛ ɛho nte ho,

na mɛgye mo."

18 Na,

"Mɛyɛ mo Agya,

na mobɛyɛ me mmammarima ne me mmammaa."

Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-