Publicidade

2 Coríntios 9

Mmoa A Wɔde Boa Onyankopɔn Nkurɔfoɔ

1 Ɛho nhia metwerɛ mo fa mmoa a ɛsɛ wɔboa Onyankopɔn nkurɔfoɔ a wɔwɔ Yudea no ho. 2 Menim ɛyɛ mo moboa enti, mede mo ahoahoa me ho akyerɛ nnipa a wɔwɔ Makedonia no. Mekaa , "Anuanom a wɔwɔ Hela no siesiee wɔn ho wɔbɛboa afe a ɛtwaam no mu." Mo ahokeka no akanyane wɔn mu fa kɛseɛ no. 3 Afei, merema anuanom yi aba mo nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no nnyɛ nsɛnkeka kwa. Na, sɛdeɛ mekaeɛ no, mobɛsiesie mo ho aboa. 4 anyɛ saa na nnipa no ne me firi Makedonia ba bɛhunu monsiesiee mo ho a, yɛn anim bɛgu ase. Mo nso mo anim bɛgu ase bi modii yɛn hwammɔ. 5 Enti, medwene ho hunuu , ɛyɛ anuanom bi di mʼanim ɛkan na wɔkɔpɛ akyɛdeɛ a mohyɛɛ me ho no gu . Ɛba saa a, ɛberɛ a mɛduru no na ɛwɔ na adi adanseɛ mo na momaeɛ ɛfiri , na mopɛ moma enti, na mmom, na ɛnyɛ ɛsɛ moma.

6 Monkae saa asɛm yi: Onipa a ɔgu aba kakra bi no, bɛtwa so kakraa bi, na deɛ ɔgu aba bebree no, bɛtwa so bebree. 7 Mo mu biara mma sɛdeɛ wadwene ho no, a ɛnyɛ yea anaa ɔhyɛ mu, ɛfiri , Onyankopɔn obi a ɔde anigyeɛ ma akyɛdeɛ no asɛm. 8 Na Onyankopɔn bɛtumi ama wo aboro deɛ ɛho hia wo no so, enti daa na wowɔ deɛ ɛho hia wo, na wobɛnya bi nso adi dwuma foforɔ a ɛfata wodi. 9 Atwerɛsɛm no ka ,

"Ɔfiri nʼakoma mu ma ahiafoɔ deɛ wɔhia;

nʼadɔeɛ no tena daa."

10 Na Onyankopɔn a ɔma ogufoɔ no aba ne burodo aduane die no bɛma wo nso aba a ɛhia wo nyinaa na wahwɛ so ama anyini na wʼadɔeɛ no enti, aso bebree. 11 Daa ɔbɛhwɛ ma woanya wo ho na woayɛ adɔeɛ, na ɛnam so ama dodoɔ no ara ada Onyankopɔn ase akyɛdeɛ a yɛnya firi mo nkyɛn no ho.

12 Saa adɔeɛ a moyɛ yi, monnyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfoɔ nko, na mmom, ɛnam so ma nnipa bebree da Onyankopɔn ase. 13 Esiane dwuma a moadi de adi mo ho adanseɛ pa no enti, nnipa gyina nokorɛ a moadi Kristo asɛnka no ne mo adɔeɛ a moyɛ maa obiara no so bɛkamfo Onyankopɔn. 14 Enti, wɔde ɔdɔ bɛbɔ mpaeɛ ama mo, ɛfiri , Onyankopɔn ama mo adom a ɛboro so. 15 Yɛda Onyankopɔn ase nʼakyɛdeɛ a ɛnni kabea no ho.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-