Publicidade

2 Tessalonicenses 3

Mommɔ Mpaeɛ Mma Yɛn

1 Anuanom, asɛm a ɛtwa toɔ ne , mommɔ mpaeɛ mma yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade asɛm bɛkɔ so atrɛ ntɛm sɛdeɛ ɛyɛɛ mo mu no. 2 Afei, mommɔ mpaeɛ mma yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn bɛyi yɛn afiri abɔnefoɔ ne nsɛmmɔnedifoɔ nsam. Ɛfiri , ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔgye asɛm no di. 3 Nanso, Awurade ɔnokwafoɔ. Ɔbɛhyɛ mo den na wagye mo afiri ɔbɔnefoɔ no nsam. 4 Awurade ama yɛn mo mu anidasoɔ. Yɛwɔ anidasoɔ moreyɛ na mobɛkɔ so ayɛ biribiara a yɛbɛkyerɛ mo monyɛ no. 5 Awurade nka mo ho na monnya ɔdɔ akoma Onyankopɔn ne abodwokyɛreɛ Kristo.

Aniha Ho Kɔkɔbɔ

6 Anuanom, yɛhyɛ mo Awurade Yesu Kristo din mu , montwe mo ho mfiri anuanom a wɔdi aniha na wɔnni mmara a yɛahyɛ ama wɔn no so no ho. 7 Mo ankasa monim pefee ɛsɛ moyɛ deɛ yɛyɛeɛ no bi pɛpɛɛpɛ. Ɛberɛ a na yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛanyɛ aniha. 8 Obi ammoa yɛn a yɛantua onii no ka. Yɛyɛɛ adwuma dendeenden. Awia ne anadwo nyinaa yɛyɛɛ adwuma sɛdeɛ yɛremfa sikasɛm biara nha mo adwene. 9 Yei nkyerɛ na yɛnni ho ɛkwan yɛbisa mo biribi de boa yɛn asetena. Yɛyɛɛ saa de yɛɛ nhwɛsoɔ maa mo. 10 Yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛka kyerɛɛ mo , "Obiara a ɔmpɛ ɔyɛ adwuma no, ɛnsɛ wɔma ɔdidi."

11 Yɛka saa asɛm yi, ɛfiri , yɛte mo mu bi anihafoɔ a wɔnyɛ hwee wɔnenam nkurɔfoɔ nnwuma ase. 12 Yɛde Awurade Yesu Kristo din hyɛ wɔn, wɔn kɔkɔ , wɔmmɔ bra pa na wɔnyɛ adwuma mfa mmɔ wɔn ho akɔnhoma. 13 Anuanom monnnyae papayɛ da.

14 Obi a ɔrentie nwoma a matwerɛ abrɛ mo yi mu nsɛm. mohunu obi saa a, monhwɛ no yie na montwe mo ho mfiri ne ho na nʼanim ngu ase. 15 Nanso, mommfa saa onipa no ɔyɛ ɔtamfoɔ na mmom, mommɔ no kɔkɔ mo nua.

16 Na ɔno asomdwoeɛ Awurade no ara mma mo asomdwoeɛ daa adeɛ nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena.

17 Me ara me Paulo, me nsa ano atwerɛ a menam so rekyea mo ni. Saa ɛkwan yi ara so na mefa twerɛ nwoma.

18 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.

Veja também

Publicidade
2 Tessalonicenses
Ver todos os capítulos de 2 Tessalonicenses
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-