Publicidade

Colossenses 1

Nkyea

1 Krataa yi firi Paulo a ɛnam Onyankopɔn so enti, ɔyɛ Kristo somafoɔ no ne yɛn nua Timoteo nkyɛn,

2 Yɛde kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu agyidifoɔ no:

Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn nka mo.

Aseda Ne Mpaeɛbɔ

3 Ɛberɛ biara a yɛbɔ mpaeɛ ma mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔyɛ Awurade Yesu Kristo Agya no ase. 4 Ɛfiri , yɛate mo gyidie a mowɔ Kristo Yesu mu ne a modɔ ahotefoɔ no. 5 Ɛda a ɛdi ɛkan a motee Asɛmpa no, monyaa mu anidasoɔ a ɛwɔ ma mo. Enti, mo gyidie ne mo a mowɔ no gyina mo anidasoɔ a mowɔ a wɔakora no ɔsoro ama mo no so. 6 Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a motee Onyankopɔn adom na mohunuu sɛdeɛ ɛteɛ no, Asɛmpa no de nhyira abrɛ ewiase afanan nyinaa, na trɛ ara na ɛretrɛ sɛdeɛ mohunu no mo mu no. 7 Ɛnam Epafra a ɔyɛ yɛn nua ɔsomfoɔ a ɔde gyidie Kristo adwuma ma yɛn no so na mohunuu yei. 8 Ɔkaa ɔdɔ a Honhom no de ama mo no kyerɛɛ yɛn.

9 Esiane saa enti, ɛfiri ɛberɛ a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpaeɛ ma mo daa. Yɛbisa Onyankopɔn ɔmfiri ne mu mma mo nyansa ne nteaseɛ a ne Honhom de ma no. 10 Ɛba saa a na mobɛtumi atena ase sɛdeɛ Awurade hwehwɛ na ɛberɛ biara nso, mobɛyɛ deɛ ɛsɔ nʼani. Dwuma biara a mobɛdi no, ɛbɛso aba pa na mobɛnyini Onyankopɔn ho nimdeɛ mu. 11 Yɛrebɔ mpaeɛ nso ne tumi ne nʼahoɔden bɛhyɛ mo ma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛkwan biara so, mode Awurade mu ahosɛpɛ ne boasetɔ bɛgyina biribiara ano. 12 Momfa ahosɛpɛ nna Agya no a ɛnam ne so enti, moanya deɛ Onyankopɔn akora so ama nʼahotefoɔ a wɔwɔ ne hann no mu no bi no ase. 13 Ɔgyee yɛn firii esum tumi ase de yɛn baa ne Ba no Ahennie mu dwoodwoo. 14 Ne mu na yɛnya ɔgyeɛ. Ne mu nso na yɛnya bɔnefakyɛ.

15 Kristo Onyankopɔn a wɔnhunu no no sɛso. Ɔno ne abɔdeɛ nyinaa farebae. 16 Ɛfiri , ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu, honhom mu atumfoɔ, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ ewiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso. 17 Na ɔwɔ ansa na wɔrebɔ biribiara, na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ. 18 Asafo no ne onipadua; na ɔno na ɔyɛ asafo no ti. Ɔno na onipadua no nkwa firi no. Ɔno ne Abakan a wɔnyanee no firii awufoɔ mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔno nko ara bɛdi adeɛ nyinaa mu ɛkan. 19 Ɛfiri Onyankopɔn no ankasa mu na Ɔba no Onyankopɔn su nyinaa ne mu. 20 Ɛnam ne Ba no so na Onyankopɔn firi ne mu de ewiase nyinaa sane bɛhyɛɛ ɔno ankasa ase. Onyankopɔn nam ne Ba no wu a ɔwuu asɛnnua so no de asomdwoeɛ baeɛ, enti ɔde nneɛma a ɛwɔ asase so ne ɔsoro nyinaa ahyɛ nʼase.

21 Ɛberɛ bi a atwam no, ɛsiane na moyɛ bɔne na modwene bɔne ho enti, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware a na moyɛ nʼatamfoɔ nso. 22 Nanso, ɛnam ne Ba no wuo so enti Onyankopɔn afa mo nnamfo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛyɛ kronkron a bɔne biara nni mo ho nʼanim. 23 Ɛsɛ mokɔ so ma mo gyidie mu den. Mommma ho kwan mma mo anidasoɔ a monyaa no da a ɛdi ɛkan a motee Asɛmpa no nhinhim. Saa Asɛmpa a wɔka kyerɛ nnipa nyinaa yi enti na me, Paulo, mebɛyɛɛ ɔsomfoɔ no.

Paulo Brɛ Asafo No Ho

24 Ɛyɛ me anigye merebrɛ mo ho. Menam me honam mu amaneɛ a merehunu no so retoa Kristo amanehunu a ɔhunuu ne honam mu maa nʼasafo no so. 25 Onyankopɔn a mo yiedie enti, ɔde saa dwuma yi hyɛɛ me nsa no ayɛ me asafo no ɔsomfoɔ. Dwumadie no nʼasɛm no ka, 26 a ɛyɛ ahintasɛm a mfeɛ bebree a atwam no, ɔde hintaa adasamma, nanso afei deɛ, wada no adi akyerɛ nʼahotefoɔ. 27 Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ne , ɔbɛda nʼahintasɛm a nnepa ne animuonyam mu no adi akyerɛ Amanamanmufoɔ nso. Ahintasɛm no ne : Kristo te mo mu, a nʼasekyerɛ ne , yɛwɔ anidasoɔ yɛn nsa bɛka Onyankopɔn animuonyam no bi.

28 Ɛno enti, yɛka Kristo ho asɛm kyerɛ nnipa nyinaa. Yɛnam adwene pa so obiara kɔkɔ, kyerɛkyerɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara a yɛde no bɛhyɛ Onyankopɔn nsa no bɛyɛ Kristo mu. 29 Ɛno enti na menam Kristo tumi sononko a ɔde ma me no so adwumaden.

Veja também

Publicidade
Colossenses
Ver todos os capítulos de Colossenses
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-