Pular para o conteúdo
Publicidade

Efesofoɔ 4:1-12

Baakoyɛ Wɔ Kristo Mu

1 Me a meyɛ odeduani ma Awurade no hyɛ mo sɛ montena ase mma ɛmfata ɔfrɛ a wɔafrɛ mo no. 2 Mommrɛ mo ho ase koraa na monnwo; monto mo bo ase, na mone obiara ntena wɔ ɔdɔ mu. 3 Mommɔ mmɔden sɛ monam asomdwoeɛ ahoma so bɛma Honhom baakoyɛ no atena mo mu. 4 Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔfrɛɛ mo kɔɔ anidasoɔ baako, 5 Awurade baako, gyidie baako ne asubɔ baako mu no. 6 Yɛwɔ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya a ɔdi yɛn nyinaa so. Ɔnam yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu nso.

7 Yɛn mu biara wɔ adom bi sɛdeɛ Kristo akyɛ ama yɛn. 8 Yei enti na Atwerɛsɛm no ka sɛ,

"Ɛberɛ a ɔforo kɔɔ ɔsoro no,

ɔfaa nneduafoɔ kaa ne ho;

na ɔmaa nnipa akyɛdeɛ."

9 Afei sɛ "ɔkɔɔ ɔsoro" no nkyerɛaseɛ ne sɛn? Aseɛ kyerɛ sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, ɔkɔɔ fam, asase ase pɛɛ. 10 Enti deɛ ɔkɔɔ fam no ara na ɔkɔɔ ɔsoro a ɛboro ewiem nyinaa so, sɛdeɛ ɔbɛhyɛ abɔdeɛ nyinaa ma. 11 Ɔno na ɔmaa ebinom yɛɛ asomafoɔ, afoforɔ yɛɛ adiyifoɔ, afoforɔ yɛɛ asɛmpakafoɔ, na afoforɔ nso yɛɛ asɔfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ. 12 Ɔyɛɛ yei de siesiee Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa maa ɔsom nnwuma, sɛdeɛ Kristo onipadua no nyini bɛkɔso

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.