Pular para o conteúdo
Publicidade

Efésios 5

Ɔyerenom Ne Okununom

22 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛdeɛ mobrɛ mo ho ase ma Awurade no, 23 ɛfiri okunu ɔyere no ti sɛdeɛ Kristo asafo no ti ne ne Gyefoɔ no. Asafo no Kristo onipadua. 24 Sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɛsɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase biribiara mu ma wɔn kununom.

25 Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛdeɛ Kristo dɔɔ asafo no na ɔde ne kra too maa no, 26 na ɔnam asɛm no so de nsuo dwaree no yɛɛ no kronkron, 27 de maa ne ho asafo a ɛhyerɛn, a ɛnni nkekaawa anaasɛ mponponoyɛ anaasɛ ɛdɛm biara, na mmom ɛyɛ kronkron a ɛnni sintɔ. 28 Saa ara na ɛsɛ mmarima wɔn yerenom sɛdeɛ wɔdɔ wɔn onipadua no. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no nʼankasa ne ho. 29 Obiara ntane ne ho. Mmom, ɔma no aduane hwɛ no yie sɛdeɛ Kristo asafo no, 30 na yɛn nso yɛyɛ ne onipadua no ho akwaa. 31 "Yei enti, ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere na wɔn baanu no nyinaa abɛyɛ honam baako." 32 Yei ahintasɛm a emu , nanso mereka Kristo ne asafo no ho asɛm. 33 Enti, ɛsɛ okunu biara ne yere nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso de anidie ma ne kunu.

Veja também