Pular para o conteúdo
Publicidade

Efésios 6

Nyankopɔn Akodeɛ

10 Deɛ ɛtwa toɔ ne , monyɛ den ne ne tumi kɛseɛ no mu. 11 Monhyɛ Onyankopɔn akodeɛ nyinaa na moatumi agyina ɔbonsam nhyehyɛeɛ ano. 12 Ɛfiri , ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom, yɛne mpaninnie ne tumidie ne ewiase yi sum mu atumfoɔ ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro na anya. 13 Yei enti, monhyɛ Onyankopɔn akodeɛ nyinaa, na da bɔne no ba a, moatumi agyina, na mowie biribiara a, moagyina pintinn. 14 Enti monnyina pintinn, na momfa nokorɛ mmɔ mo asene, na monhyɛ tenenee nkataboɔ, 15 na momfa Asɛmpa no asomdwoeɛ no nhyehyɛ mo nan. 16 Yeinom nyinaa akyi no, momfa gyidie kyɛm, deɛ mode bɛdum ɔbɔnefoɔ bɛma a ɛrederɛ no. 17 Momfa nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ ne Honhom no akofena a ɛyɛ Onyankopɔn asɛm no.

18 Ɛberɛ nyinaa mu mommɔ mpaeɛ Honhom mu, mpaeɛbɔ ahodoɔ ne nkotosrɛ mu. Yei enti monna mo ho so, na mommɔ mpaeɛ mma ahotefoɔ.

Veja também