13 Yei enti, monhyɛ Onyankopɔn akodeɛ nyinaa, na sɛ da bɔne no ba a, moatumi agyina, na mowie biribiara a, moagyina pintinn. 14 Enti monnyina pintinn, na momfa nokorɛ mmɔ mo asene, na monhyɛ tenenee nkataboɔ, 15 na momfa Asɛmpa no asomdwoeɛ no nhyehyɛ mo nan. 16 Yeinom nyinaa akyi no, momfa gyidie kyɛm, deɛ mode bɛdum ɔbɔnefoɔ bɛma a ɛrederɛ no. 17 Momfa nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ ne Honhom no akofena a ɛyɛ Onyankopɔn asɛm no.
18 Ɛberɛ nyinaa mu mommɔ mpaeɛ wɔ Honhom mu, mpaeɛbɔ ahodoɔ ne nkotosrɛ mu. Yei enti monna mo ho so, na mommɔ mpaeɛ mma ahotefoɔ.