Publicidade

Gálatas 1

Nkyea

1 Me Paulo, ɔsomafoɔ a ɛnyɛ nnipa anaa onipa bi na ɔfrɛɛ me, na mmom ɛyɛ Yesu Kristo ne Agya Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no. 2 Me ne anuanom a wɔne me ha nyinaa,

De krataa yi kɔma Galati asafo ahodoɔ no nyinaa:

3 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. 4 Yɛn bɔne enti, Kristo yɛɛ ɔsetie maa yɛn Agya Onyankopɔn. Ɔnam so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ de gyee yɛn firii bɔne a yɛwɔ mu ɛnnɛ yi mu. 5 Animuonyam nka Onyankopɔn daa nyinaa. Amen.

6 Mo ho me nwanwa! Ɛnkyɛree koraa, morepa deɛ ɔnam Kristo adom so frɛɛ mo no akɔ asɛmpa foforɔ ho. 7 Nokorɛm, asɛmpa foforɔ biara nni baabi, nanso meka ɛfiri , nnipa bi a wɔredane mo adwene wɔsesa Kristo Asɛmpa no. 8 Na yɛn, anaa ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛka asɛmpa a nsonsonoeɛ da ɛno ne yɛn Asɛmpa no ntam a, onii no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu. 9 Yɛaka dada na mereti mu bio : Obiara a ɔbɛka asɛmpa a ɛne Asɛmpa a moagye atom no abira no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu.

10 Deɛ nnipa pene so na mereyɛ yi anaa? Dabi! Mepɛ deɛ Onyankopɔn pene so! Anaa mereyɛ deɛ ɛsɔ nnipa ani? megu so saa deɛ a, na menyɛ Kristo ɔsomfoɔ.

Onyankopɔn Frɛ Paulo

11 Anuanom, mepɛ mote aseɛ , Asɛmpa a meka kyerɛ mo no mfiri onipa . 12 Me nsa anka amfiri onipa nkyɛn. Saa ara nso na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛɛ me. Ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔdaa no adi kyerɛɛ me.

13 Moate na mesɛe mʼadagyeɛ nyinaa Yudasom ho. Afei, moate nso na mede atirimuɔden taa Onyankopɔn akyidifoɔ, na mefaa ɛkwan biara a mɛtumi so pɛɛ metɔre wɔn ase. 14 Mʼafɛfoɔ Yudafoɔ no deɛ, na mʼadwene mu abue Yudasom ho sene wɔn nyinaa. Na mekura yɛn nananom amanneɛ nso mu dendeenden. 15 Nanso, Onyankopɔn nam nʼadom so frɛɛ me ansa na wɔrewo me memmɛsom no. Na berɛ no soo 16 ɔbɛda ne Ba no adi akyerɛ me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛka Asɛmpa a ɛfa ne ho akyerɛ amanamanmufoɔ no, mankɔ obiara nkyɛn amma wantu me fo; 17 saa ara nso na mankɔ Yerusalem mankɔhunu asomafoɔ a na wɔdi mʼanim ɛkan no. Mmom, mekɔɔ Arabia prɛko ɛnna mesane mʼakyi baa Damasko.

18 Mfeɛ mmiɛnsa akyi na mekɔɔ Petro nkyɛn Yerusalem ne no kɔdii nkɔmmɔ. Medii ne nkyɛn dadu nnanum. 19 Manhunu ɔsomafoɔ biara ka Awurade nua Yakobo ho. 20 Meka kyerɛ mo, Onyankopɔn anim deɛ meretwerɛ yi nokorɛ trodoo.

21 Ɛno akyi, mebaa Siria ne Kilikia. 22 Saa ɛberɛ no na Kristo asafo ahodoɔ a wɔwɔ Yudea no mu nnipa nnim me. 23 Nsɛm a na wɔaka afa me ho , "Afei deɛ, ɔbarima no a na ɔtaa yɛn no ka gyidie a na ɔpɛ ɔsɛe no no ho asɛm." 24 Na me enti, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-