Publicidade

Gálatas 2

Paulo Ne Asomafoɔ A Aka No

1 Mfeɛ dunan akyi, me ne Barnaba sane kɔɔ Yerusalem. Mede Tito nso kaa me ho. 2 Mekɔeɛ ɛfiri , Onyankopɔn na ɔdaa no adi kyerɛɛ me menkɔ. Me ne mpanimfoɔ no yɛɛ nhyiamu kɔkoam kyerɛkyerɛɛ asɛmpa a meka mekyerɛɛ amanamanmufoɔ no mu kyerɛɛ wɔn. Na mempɛ mʼadwuma a mayɛ dada ne deɛ megu so reyɛ no ɔkwa. 3 Ɛwom me ɔboafoɔ Tito Helani deɛ, nanso wɔanhyɛ no ɔntwa twetia. 4 Asɛm yi siiɛ, ɛfiri anuanom bi a wɔnyɛ nokwafoɔ awia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔrehwehwɛ ahofadie a yɛwɔ Kristo Yesu mu, na wɔde yɛn ayɛ nkoa. 5 Yɛamma wɔn mu kwan koraa, sɛdeɛ nokorɛ a ɛwɔ Asɛmpa no mu no bɛtena mo mu.

6 Wɔn a wɔfa wɔn ho wɔyɛ atitire no, sɛdeɛ wɔte biara no, meka , menhunu wɔn ntam nsonsonoeɛ biara. Onyankopɔn nhwɛ nnipa ho mmu atɛn; saa mpanimfoɔ no mfaa adwene foforɔ biara mmɛkaa mʼasɛm no ho. 7 Na mmom, wɔhunuu Onyankopɔn de dwuma no ahyɛ me nsa menka Asɛmpa no nkyerɛ amanamanmufoɔ sɛdeɛ ɔde dwuma no hyɛɛ Petro nsa ɔnka Asɛmpa no nkyerɛ Yudafoɔ no ara . 8 Na Onyankopɔn a ɔnam Petro so adwuma Yudafoɔ mu somafoɔ no ara na ɔnam me so adwuma amanamanmufoɔ mu sɛdeɛ Petro Yudafoɔ mu adwuma no . 9 Yakobo, Petro ne Yohane a na wɔfa no wɔyɛ mpanimfoɔ no gye too mu , Onyankopɔn ama me dwuma sononko bi menyɛ, enti wɔkyeaa me ne Barnaba. Wɔpenee so yɛnyɛ adwuma amanamanmufoɔ no mu na wɔn nso wɔnyɛ adwuma Yudafoɔ no mu. 10 Wɔbisaa yɛnkae ahiafoɔ wɔn kuo no mu sɛdeɛ mepɛ meyɛ no.

11 Ɛberɛ a Petro baa Antiokia no, metiaa deɛ ɔreyɛ no mu badwa mu, ɛfiri , na ɔreyɛ mfomsoɔ. 12 Ansa na mmarima bi a Yakobo somaa wɔn no bɛduruu no, na Petro ne anuanom amanamanmufoɔ no to nsa didi. Nanso, nnipa no bɛduruiɛ akyi no, ɔtwee ne ho a ɔne wɔn annidi bio, ɛfiri , na ɔsuro wɔn a wɔpɛ wɔtwa amanamanmufoɔ twetia no. 13 Anuanom Yudafoɔ a aka no yɛɛ ahufoɔ de wɔn ho bɔɔ Petro maa Barnaba nso de ne ho kɔbataa wɔn ho.

14 Mehunuu deɛ wɔreyɛ no ne Asɛmpa no abira no, mekaa no Petro ne badwa no anim , "Woyɛ Yudani a seesei wonni Yudafoɔ amanneɛ so bio. Adɛn enti na wohyɛ amanamanmufoɔ wɔnni Yudafoɔ amanneɛ so?

15 "Ɛyɛ nokorɛ yɛyɛ Yudafoɔ firi yɛn awoɔ mu. Yɛnyɛ amanamanmufoɔ nnebɔneyɛfoɔ no. 16 Yɛnim ansa na obi bɛdi bem Onyankopɔn anim no, na gye wagye Yesu Kristo adi a ɛnyɛ ɔbɛyɛ deɛ mmara no hwehwɛ ɔnyɛ no. Yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi sɛdeɛ yɛnam so bɛdi bem Onyankopɔn anim; ɛfiri , ɛnam gyidie so na wɔbɛbu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara no apɛdeɛ a yɛyɛ no so.

17 "yɛpɛ wɔbu yɛn bem Kristo mu na ɛda adi yɛn nso yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ a, na ɛkyerɛ Kristo pene bɔne so? Ɛnte saa koraa. 18 Na mehyɛ aseɛ deɛ magyae a, na ɛkyerɛ meyɛ mmaratofoɔ.

19 "Ɛfiri , mpɛn dodoɔ a mepɛɛ mɛdi mmara no so no, mmara no buu me . Mmara no ankasa akum me. Ɛno enti, menni mmara no tumi ase bio, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtena ase mama Onyankopɔn mmom. Wɔabɔ me ne Kristo asɛnnua mu, 20 enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom, Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu seesei yi, mete ase Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidie mu. 21 Mempo Onyankopɔn adom no. onipa nam Mmara so fata Onyankopɔn anim a, na ɛkyerɛ Kristo wu a ɔwuiɛ no ɔkwa."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-