Publicidade

Gálatas 5

Ahofadie Kristo Mu

1 Ahofadie enti na Kristo ama yɛade yɛn ho no. Monnyina pintinn. Mommma ho ɛkwan mma wɔmmfa mo nnyɛ nkoa bio.

2 Montie! Me Paulo, meka mekyerɛ mo , moma ho ɛkwan ma wɔtwa mo twetia a, na ɛkyerɛ Kristo ho amma mfasoɔ biara amma mo koraa. 3 Mebɔ mo kɔkɔ bio obiara a ɔbɛma ho ɛkwan ama wɔatwa no twetia no, na ɛsɛ ɔdi Mmara no nyinaa so. 4 Mo a mopɛ wɔde Mmara no bu mo bem no ate mo ho afiri Kristo ho. Adom no nni mo so bio. 5 Nanso yɛfiri gyidie mu nam Honhom no so twɛne tenenee a yɛn ani da soɔ no. 6 Kristo Yesu mu no, twetiatwa ne momonotoyɛ ho nni mfasoɔ. Deɛ ɛho hia ne gyidie a ɛnam ɔdɔ so da ne ho adi.

7 Na anka moresi mmirikakan no yie! Na hwan na ɔtwintwanee mo anan mu ma mogyaee nokorɛ no tie? 8 Saa nnaadaa no mfiri deɛ ɔfrɛ mo no. 9 "Mmɔka kakra bi na ɛma mmɔre no nyinaa tu." 10 Mewɔ anidasoɔ Awurade mu morennwene adwene foforɔ bi. Onipa ko a ɔde sakasakayɛ reba mo mu no, wɔbɛtua ne so ka. 11 Anuanom, megu so ka twetiatwa ho asɛm a, adɛn enti na wɔda so taa me? Na ɛno na ɛyɛ nokorɛ a, anka mʼasɛm a meka fa Kristo asɛnnua ho no renkɔfa ɔhaw mma. Ɛnneɛ na anka asɛnnua no ho suntidua biara nni bio. 12 ɛkaa me nko a, anka wɔn a wɔha mo no atwa wɔn ho atwitwa wɔn ho wɔn ho.

13 Me nuanom, mo deɛ, wɔfrɛɛ mo mommɛde mo ho. Nanso, mommma saa ahofadie yi mmɔ ɛkwan mma bɔne; mmom, momfa ɔdɔ nsom mo ho mo ho. 14 Ɛfiri , Mmara no nyinaa tiawatwa ne , "wo yɔnko wo ho." 15 Na mokeka na momemene mo ho mo ho a, ɛnneɛ monhwɛ yie na moansɛe mo ho mo ho.

Honhom Mu Asetena

16 Na mese, montena ase Honhom mu, na moremma honam akɔnnɔ ho kwan. 17 Ɛfiri , deɛ honam no tia deɛ Honhom no ; saa ara nso na deɛ Honhom no no, honam no tia. Ne mmienu no abira, enti ɛnsɛ moyɛ deɛ mopɛ. 18 mo nante Honhom mu a, na monnhyɛ Mmara ase.

19 Dwuma a bɔnesu di no da adi pefee. Yeinom ne adwamammɔ, efi, ahohwie, 20 abosonsom, adutoɔ, ɔtan, akayɛ, ahoɔyea, abufuo, apereapereɛ, kunsunkunsun, mpaapaemu, 21 nitan, nsãborɔ, agobɔne, ne nneɛma a ɛtete saa. Mebɔ mo kɔkɔ sɛdeɛ mabɔ mo bi dada no , wɔn a wɔtena ase saa no renkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.

22 Na Honhom no aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛreɛ, ayamyɛ, papayɛ, gyidie, 23 ɔdwoɔ ne ahohyɛsoɔ. Mmara biara nni a ɛtia yeinom. 24 Na wɔn a wɔyɛ Kristo dea no abɔ wɔn nipasu no ne honam akɔnnɔ asɛnnua mu. 25 yɛte Honhom mu yi, momma yɛnnante Honhom mu. 26 Ɛnsɛ yɛhoahoa yɛn ho, yiyi yɛn ho yɛn ho abufuo, anaa yɛma yɛn ani bere yɛn ho yɛn ho.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-