Papayɛ
1 Anuanom, sɛ obi kɔtɔ bɔne mu a, ɛsɛ sɛ mo a moyɛ honhom mufoɔ no fa ɔdwoɔ ɛkwan so tene no. Nanso, monhwɛ wie na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ. 2 Monsoa mo ho mo ho nnesoa. Sɛ moyɛ saa a, modi Kristo mmara no so. 3 Sɛ obi dwene sɛ ɔyɛ otitire a ɛnso ɔnsɛ hwee a, na ɔdaadaa ne ho. 4 Yɛ wʼadwuma yie na woanya biribi agyina so de ahoahoa wo ho. Na mfa wo ho ntoto afoforɔ ho; 5 ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ obiara soa nʼadesoa.