Pular para o conteúdo
Publicidade

Hebrifoɔ 10:3-10

3 Deɛ saa afɔrebɔ yi yɛ ne sɛ, ɛkae wɔn wɔn bɔne afe biara. 4 Anantwie ne mmirekyie mogya rentumi mpepa bɔne.

5 Esiane saa enti, ɛberɛ a Kristo rebɛba ewiase no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ:

"Wommpɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ

nanso woasiesie ɔhonam ama me.

6 Wʼani nnnye

ɔhyeɛ ne bɔne afɔdeɛ anaa afɔdeɛ a wɔbɔ de pepa bɔne ho.

7 Afei, mekaa sɛ: ‘Mewɔ ha rebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ

sɛdeɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mmara nwoma no mu no.’ "

8 Kane no ɔkaa sɛ, "Wompɛ, na wʼani nso nnnye afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ a wɔde pepa bɔne ho." Ɛwom, na Mmara no kyerɛ sɛ wɔnyɛ saa. 9 Na ɔkaa sɛ, "Mewɔ ha rebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ." Ɛno enti, Onyankopɔn agu tete afɔrebɔ no nyinaa na ɔde Kristo afɔrebɔ no asi ananmu. 10 Esiane sɛ Yesu Kristo yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no enti, ɔnam ne honam a ɔde bɔɔ afɔdeɛ prɛko maa yɛn no so ama yɛn ho ate afiri bɔne ho.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.