Yɛn Agya Nyankopɔn
1 Yɛn deɛ, yɛwɔ adansefoɔ bebree a wɔatwa yɛn ho ahyia. Momma yɛntwe yɛn ho mfiri akwansideɛ nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn dendeenden no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho wɔ mmirikakansie a ɛda yɛn anim no. 2 Momma yɛmfa yɛn ani nto Yesu a yɛn gyidie ahyɛaseɛ ne nʼawieeɛ gyina ne so no so. Asɛnnua no enti, wampa aba. Esiane anigyeɛ a na ɛretwɛn no no enti, animguasewuo a ɔwuu wɔ asɛnnua so no anha no. Enti, seesei ɔte Onyankopɔn ahennwa no nifa so.