Publicidade

Hebreus 8

Wɔde Kristo Bɔɔ Afɔdeɛ

1 Asɛm a yɛgyina so kasa no ne : Yɛwɔ Ɔsɔfopanin a ɔte Otumfoɔ a ɔwɔ ɔsoro no ahennwa no nifa. 2 Ɔsom Ɔsɔfopanin Kronkronbea a ɛyɛ ntomadan a ɛwɔ ɔsoro. Saa ntomadan yi, Awurade ankasa na ɔsiiɛ na ɛnyɛ onipa.

3 Wɔyi Ɔsɔfopanin biara ɔmfa akyɛdeɛ ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Ɛno enti ɛsɛ yɛn Sɔfopanin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔdeɛ. 4 Yesu asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfoɔ koraa ɛfiri , asɔfoɔ a wɔde afɔrebɔdeɛ ma, sɛdeɛ Yudafoɔ mmara kyerɛ no. 5 Nanso dwuma a wɔdi asɔfoɔ no ɔsoro nsususoɔ bi kwa. Ɛte Mose berɛ so deɛ no ara . Ɛberɛ a ɔpɛɛ ɔsi ntomadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no , "Si no sɛdeɛ merekyerɛ wo bepɔ no so pɛpɛɛpɛ." 6 Afei deɛ, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn deɛ no. Yesu apam a ɛkyɛn so a wɔgyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛeɛ no ntamgyinafoɔ.

7 na apam a ɛdi ɛkan no a, anka ɛho nhia wɔbɛyɛ apam a ɛtɔ so mmienu no. 8 Nanso, Onyankopɔn hunuu mfomsoɔ ne nkurɔfoɔ ho ɛberɛ a ɔkaa ,

"Nna bi reba, Awurade na ɔseɛ,

a me ne Israelfoɔ ne Yuda abusuakuo

bɛhyehyɛ apam foforɔ.

9 Ɛrenyɛ apam a

me ne wɔn agyanom yɛeɛ no

ɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa

dii wɔn anim firii Misraim no.

Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛeɛ no ho nokorɛ,

ɛno enti mante mʼani anhwɛ wɔn,

Awurade na ɔseɛ.

10 Afei, yei ne apam a me ne Israelfoɔ bɛhyehyɛ

ɛberɛ a ɛreba no mu, Awurade na ɔseɛ:

Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwenem

na matwerɛ agu wɔn akoma mu.

Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn,

na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.

11 Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnko

anaa ne kuromni , Hunu Awurade,

ɛfiri , wɔn nyinaa bɛhunu me firi

akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so.

12 Mɛhunu wɔn mmɔbɔ wɔn bɔne ho;

na merenkae wɔn bɔne bio."

Nhyehyɛeɛ Dada No

13 Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi "Foforɔ" no ama deɛ wɔyɛɛ kane no ayɛ dada; na biribiara a anyini ayɛ dada no nkyɛre yera.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-