11 Nanso, Kristo aba dada sɛ Ɔsɔfopanin ama nneɛma pa a yɛwɔ dada yi. Ntomadan a ɔsom wɔ mu no so na ɛdi mu kyɛn dada no. Ɛnnyɛ nnipa na wɔyɛeɛ. Afei nso, ɛmmfiri adebɔ yi mu.
15 Yei enti na Kristo yɛ apam foforɔ no ntamgyinafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn no bɛnya nhyira a ɛnni awieeɛ sɛdeɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ no. Yei aba saa, ɛfiri sɛ, owuo bi asi a ɛgye nnipa firi wɔn bɔne a wɔyɛɛ ɛberɛ a na wɔwɔ apam a ɛdi ɛkan no mu no.