Publicidade

João 10

Odwanhwɛfoɔ Pa No

1 "Mereka nokorɛ akyerɛ mo, onipa biara a ɔmfa nnwammuo ɛkwan ano na ɔforo mu no owifoɔ. 2 Onipa a ɔfa ɛkwan ano mu no ne odwanhwɛfoɔ no. 3 Ɛpono no anohwɛfoɔ no bue ɛpono no ma no, na ɔfrɛ nnwan no nso a, wɔte ne nne ma ɔde wɔn firi adi. 4 ɔde wɔn firi adi a, ɔdi nnwan no anim na nnwan no nso di nʼakyi, ɛfiri , wɔte ne nne. 5 Wɔrenni onipa foforɔ biara akyi. Na ɔfrɛ wɔn a, wɔremma, ɛfiri , wɔnte ne nne." 6 Yesu buu wɔn saa yi nanso nnipa no ante no ase.

7 Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio , "Mereka nokorɛ akyerɛ mo , mene nnwammuo no ano ɛpono no. 8 Wɔn a wɔdii mʼanim kane no awifoɔ ne adwotwafoɔ, ɛno enti, nnwan no ante wɔn nne, anni wɔn akyi. 9 Mene ɛpono no. Obiara a ɔnam me so bɛwura mu no bɛnya nkwa; wɔbɛwura mu asane afiri adi na wɔbɛnya adidibea. 10 Owifoɔ ba a, ɔbɛwia anaasɛ ɔbɛdi awu anaasɛ ɔbɛsɛe adeɛ. Me deɛ, maba, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya nkwa a ɛho nni asɛm biara.

11 "Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Odwanhwɛfoɔ pa no ne obi a ɔtumi de ne nkwa to ma ne nnwan. 12 Obi a wɔabɔ no paa ɔnhwɛ nnwan so no nyɛ nnwan no wura ɛno enti, ɔhunu pataku reba a, ɔdwane gya nnwan no , na pataku no to hyɛ nnwan no so ma wɔbɔ pete. 13 Ɔpaani no dwane ɛfiri , wɔabɔ no paa, na nnwan no yiedie mfa ne ho.

14 "Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Menim me nnwan na me nnwan nso nim me, 15 sɛdeɛ Agya no nim me na me nso menim Agya no. Masiesie me ho nso mɛwu ama nnwan no. 16 Nnwan afoforɔ bi a wɔyɛ me dea nanso wɔnnya mmɛkaa saa nnwankuo yi ho. Ɛsɛ mede wɔn nso bɛka saa nnwankuo yi ho. Wɔbɛtie me nne na wɔbɛyɛ nnwankuo baako a odwanhwɛfoɔ baako na ɔhwɛ wɔn so. 17 Agya no me ɛfiri , masiesie me ho mede me nkwa bɛto sɛdeɛ ɛbɛyɛ a daakye me nsa bɛka bio. 18 Obiara rentumi nnye me nkwa mfiri me nsam. Me ara me mu na mede bɛma. Mewɔ tumi mede ma na mewɔ tumi nso mesane gye bio. Yei ne deɛ mʼAgya ahyɛ me menyɛ no."

19 Asɛm a Yesu kaeɛ no enti, ɛmaa mpaapaemu baa Yudafoɔ no mu. 20 Wɔn mu pii kaa , "Ɔwɔ honhommɔne! Nʼadwene mu ka no! Adɛn enti na motie no?"

21 Afoforɔ nso kaa , "Onipa a ɔwɔ honhommɔne rentumi nkasa sei! Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ honhommɔne bɛtumi ama onifirani ahunu adeɛ?"

Yudafoɔ Nnye Yesu Nni

22 Awɔberɛ bi mu a Asɔredandwira duruu Yerusalem no, 23 Yesu kɔpasee asɔredan no mu baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so . 24 Yudafoɔ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ kaa , "Wobɛma yɛatwɛn akɔsi da bɛn? wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn."

25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Maka akyerɛ mo dada, nanso monnnye me nni. Me nnwuma a menam mʼAgya tumi mu no di me ho adanseɛ, 26 nanso monnnye nni, ɛfiri , monnyɛ me nnwan. 27 Me nnwan te me nne, me nso menim wɔn na wɔdi mʼakyi. 28 Mema wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ a wɔrenwu da, na obi rentumi nnye wɔn mfiri me nsam. 29 MʼAgya a ɔde wɔn maa me no tumi sene obiara, na obiara rentumi nnye wɔn mfiri me nsam. 30 Me ne Agya no baako."

31 Yudafoɔ no sane tasee aboɔ anka wɔde rebɛsi no. 32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Mayɛ nnwuma pa pii a Agya no de hyɛɛ me nsa menyɛ no ama moahunu, na emu deɛ ɛwɔ he ho enti na mopɛ mosi me aboɔ yi?"

33 Yudafoɔ no buaa no , "Ɛnyɛ wo nnwuma pa bi a woayɛ no enti na yɛpɛ yɛsi wo aboɔ, na mmom, wʼabususɛm a wokaeɛ no enti. Woyɛ onipa dasani nso woyɛ wo ho Onyankopɔn!"

34 Yesu buaa wɔn , "Wɔatwerɛ mo ara ankasa mo mmara mu , Onyankopɔn kaa , Moyɛ anyame. 35 Ɛno enti, Onyankopɔn nam anyamesɛm a ɛyɛ nokorɛ so frɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no anyamea, 36 ɛyɛ dɛn na deɛ Agya no somaa no baa ewiase no ka , mene Onyankopɔn Ba no a mose waka abususɛm? 37 menyɛ nnwuma a mʼAgya meyɛ no deɛ a, ɛnneɛ monnnye me nni. 38 Nanso, meyɛ mʼAgya no nnwuma na monnye me nni mpo a, monnye nnwuma no nni sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛgye adi Agya no me mu na me nso mewɔ ne mu." 39 Nkurɔfoɔ no pɛɛ wɔkyere no bio, nanso wɔantumi.

40 Yesu sane tware kɔɔ Yordan agya faako a Yohane asu no kɔtenaa . 41 Nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. Wɔn mu dodoɔ no ara kaa , "Yohane anyɛ anwanwadeɛ, nanso biribiara a ɔka faa saa ɔbarima yi ho no nokorɛ." 42 Nnipa a wɔwɔ no mu bebree gyee no diiɛ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-