Lasaro
1 Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kuro a na Maria ne ne nua Marta firi mu. Ɛda bi, saa ɔbarima yi yareeɛ. 2 Saa Maria yi a ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no, ɔno na ɔhwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tirinwi pepaeɛ no. 3 Anuanom yi soma kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, "Awurade, wo dɔfoɔ no yare."
4 Yesu tee nkra no, ɔkaa sɛ, "Ɛnyɛ saa yadeɛ yi na ɛbɛkum Lasaro. Mmom, Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa saa yadeɛ yi so hyɛ ne ho animuonyam, na saa animuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no." 5 Na Yesu pɛ Maria ne ne nuabaa Marta ne Lasaro asɛm yie. 6 Ɛberɛ a Yesu tee nkra sɛ Lasaro yare dendeenden no, wankɔ saa ɛberɛ no ara mu; ɔtenaa hɔ nnanu. 7 Afei, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, "Momma yɛnsane nkɔ Yudea."
8 Nanso, asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛnkyɛree biara na Yudafoɔ no pɛɛ sɛ wɔsi wo aboɔ ɛnna afei wose yɛnsane nkɔ hɔ bio yi?"
9 Yesu kaa sɛ, "Nnɔnhwere dumienu na ɛwɔ da koro mu, meboa anaa? Ɛno enti, sɛ obi nam hann mu a, ɔrensunti, ɛfiri sɛ, ɔnam ewiase hann mu. 10 Nanso, sɛ ɔnam anadwo sum mu a, ɔbɛsunti, ɛfiri sɛ, ɔnam sum mu."
11 Yesu sane kaa sɛ, "Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akɔnyane no."
12 Asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, "Awurade, sɛ wada deɛ a, ɛnneɛ na ne ho bɛtɔ no." 13 Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu, nanso asuafoɔ no deɛ, na wɔsusu sɛ nna ara na wada.
14 Ɛno enti, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee sɛ, "Lasaro awu;