Lasaro
1 Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kuro a na Maria ne ne nua Marta firi mu. Ɛda bi, saa ɔbarima yi yareeɛ. 2 Saa Maria yi a ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no, ɔno na ɔhwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tirinwi pepaeɛ no. 3 Anuanom yi soma kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, "Awurade, wo dɔfoɔ no yare."
4 Yesu tee nkra no, ɔkaa sɛ, "Ɛnyɛ saa yadeɛ yi na ɛbɛkum Lasaro. Mmom, Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa saa yadeɛ yi so hyɛ ne ho animuonyam, na saa animuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no." 5 Na Yesu pɛ Maria ne ne nuabaa Marta ne Lasaro asɛm yie. 6 Ɛberɛ a Yesu tee nkra sɛ Lasaro yare dendeenden no, wankɔ saa ɛberɛ no ara mu; ɔtenaa hɔ nnanu. 7 Afei, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, "Momma yɛnsane nkɔ Yudea."
8 Nanso, asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛnkyɛree biara na Yudafoɔ no pɛɛ sɛ wɔsi wo aboɔ ɛnna afei wose yɛnsane nkɔ hɔ bio yi?"
9 Yesu kaa sɛ, "Nnɔnhwere dumienu na ɛwɔ da koro mu, meboa anaa? Ɛno enti, sɛ obi nam hann mu a, ɔrensunti, ɛfiri sɛ, ɔnam ewiase hann mu. 10 Nanso, sɛ ɔnam anadwo sum mu a, ɔbɛsunti, ɛfiri sɛ, ɔnam sum mu."
11 Yesu sane kaa sɛ, "Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akɔnyane no."
12 Asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, "Awurade, sɛ wada deɛ a, ɛnneɛ na ne ho bɛtɔ no." 13 Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu, nanso asuafoɔ no deɛ, na wɔsusu sɛ nna ara na wada.
14 Ɛno enti, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee sɛ, "Lasaro awu; 15 nanso mo enti, ɛyɛ me anigye sɛ na menni hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn."
16 Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no sɛ, "Momma yɛne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no nyinaa nkɔ na yɛne no nkɔwu."
Lasaro Owuo Ne Ne Sie
17 Yesu duruu Betania no, na Lasaro awu ma wɔasie no ma adi nnanan. 18 Ɛfiri Betania rekɔ Yerusalem no nnuru akwansini mmienu, 19 na saa ɛberɛ no, na Yudafoɔ bebree aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebɛgyam wɔn wɔ wɔn nua no wuo no ho. 20 Marta tee sɛ Yesu reba no, ɔfirii adi kɔhyiaa no, na Maria deɛ, ɔtenaa efie.
21 Marta ka kyerɛɛ Yesu sɛ, "Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu! 22 Menim mpo sɛ saa ɛberɛ yi mu biribiara a wobɛbisa Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ mma wo no, ɔbɛyɛ."
23 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Wo nua no bɛsane anya nkwa bio."
24 Marta buaa no sɛ, "Awurade, menim sɛ owusɔreɛ da no ɔno nso bɛsɔre."
25 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Me na menyane awufoɔ ma wɔn nkwa. Obiara a ɔgye me di no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛsane anya nkwa. 26 Na obiara a ɔte ase na ɔgye me di no, renwu da. Wogye yei di anaa?"
27 Marta buaa sɛ, "Awurade, megye medi. Megye medi sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba ewiase no."
Yesu Su Lasaro
28 Marta kaa saa asɛm yi wieeɛ no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kɔkoam ka kyerɛɛ no sɛ, "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no aba na wabisa wʼase." 29 Maria tee saa asɛm yi no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa Yesu. 30 Saa ɛberɛ no na Yesu mmɛduruu akuraa no ase hɔ. Na ɔda so wɔ faako a Marta hyiaa no hɔ no. 31 Ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ efie hɔ regyam Maria no hunuu sɛ wasɔre ɔherɛ so refiri adi no, wɔdii nʼakyi, ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ ɔrekɔ da no so akɔsu.
32 Maria duruu faako a Yesu wɔ no, ɔtotoo ne nan ase kaa sɛ, "Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha, a anka me nua no anwu."
33 Yesu hunuu sɛ Maria ne Yudafoɔ a wɔka ne ho no resu no, ɛhaa no yie na ne werɛ hoeɛ. 34 Ɔbisaa wɔn sɛ, "Ɛhe na mosiee no?"
Wɔbuaa no sɛ, "Awurade, bra na yɛnkɔkyerɛ wo."
35 Yesu suiɛ.
36 Yudafoɔ no hunuu sɛ ɔresu no, wɔkaa sɛ, "Yei kyerɛ ɔdɔ a ɔde dɔ no."
37 Wɔn mu bi kaa sɛ, "Onipa a ɔmaa onifirani hunuu adeɛ no, monnnye nni sɛ anka ɔbɛtumi agye Lasaro nkwa anaa?"
Yesu Nyane Lasaro Firi Awufoɔ Mu
38 Asɛm a nkurɔfoɔ no kaeɛ no maa Yesu werɛ hoeɛ. Afei, ɔkɔɔ ɛda a wɔde ɛboɔ ahini ano no so. 39 Yesu hyɛɛ wɔn sɛ, "Monyi ɛboɔ a ɛhini ɛda no ano no."
Marta a ɔyɛ owufoɔ no nuabaa no kaa sɛ, "Awurade, ɛbɛyɛ nna ɛnan ni a yɛbɛsiee no enti saa ɛberɛ yi deɛ, ɛbɔn."
40 Yesu ka kyerɛɛ Marta sɛ, "Manka ankyerɛ wo sɛ, sɛ wogye di a wobɛhunu Onyankopɔn animuonyam?"
41 Wɔyii ɛboɔ no firii ɛda no ano. Afei, Yesu hwɛɛ ɛsoro, bɔɔ mpaeɛ sɛ, "Agya, meda wo ase sɛ wotie me. 42 Menim sɛ wotie me daa nyinaa, nanso ɛsiane nnipa a wɔwɔ ha enti na mereka yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛgye adi sɛ wo na wosomaa me."
43 Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔteaam denden sɛ, "Lasaro, sɔre bra!" 44 Lasaro sɔre baeɛ a ntoma a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Monsane ne ho ntoma no na ɔnkɔ."