Publicidade

João 13

Yesu Hohoro Nʼasuafoɔ Nan Ase

1 Adeɛ rebɛkye ama Twam Afahyɛ no aduru no, Yesu hunuu afei, berɛ aso ɔfiri ewiase nʼAgya nkyɛn. Yesu obi a na ɔdɔ nʼakyidifoɔ, na ɔdɔɔ wɔn kɔsii ɔwuiɛ.

2 Ɛberɛ a na Yesu ne nʼasuafoɔ te adidiiɛ no, ɔbonsam kɔhyɛɛ Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no mu ɔnyi Yesu mma. 3 Yesu nim nʼAgya de tumi nyinaa ahyɛ ne nsa, na ɔfiri Onyankopɔn nkyɛn na ɔbaeɛ, na ɔresane akɔ ne nkyɛn. 4 Yesu sɔre firii didipono no ho, yii nʼatadeɛ ngugusoɔ guu , de mpepaho twaa nʼasene. 5 Ɔhwiee nsuo guu dwaresɛn bi mu na ɔhyɛɛ aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ase de mpepaho no pepaeɛ.

6 Ɛberɛ a Yesu duruu Simon Petro so no, Petro bisaa no . "Awurade, worebɛhohoro me nan ase anaa?"

7 Yesu buaa no , "Deɛ mereyɛ yi, worente aseɛ seesei, nanso akyire no wobɛte aseɛ."

8 Petro ampene asɛm a ɔkaeɛ no so kaa , "Ɛnyɛ wo na ɛsɛ wohohoro me nan ase."

Yesu ka kyerɛɛ no , "manhohoro wo nan ase a, na wonka me ho."

9 Simon Petro kaa , "Awurade, ɛnneɛ na ɛnyɛ me nan ase nko, na mmom, me nsa ho ne me tirim nso ka ho."

10 Yesu ka kyerɛɛ no , "Obiara a wadware no, adwareɛ ho nhia no bio gye ne nan ase nko na ɛsɛ ɔhohoro, ne onipadua no deɛ, efi biara nni ho. Mo nyinaa ho ate, gye mo mu baako ." 11 Na Yesu nim onipa ko a ɔrebɛyi no ama no, ɛno enti na ɔkaa ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔn ho ate no.

12 Yesu hohoroo wɔn nan ase wieeɛ no, ɔfaa nʼatadeɛ ngugusoɔ no hyɛeɛ, sane kɔtenaa didipono no ho. Afei, ɔbisaa nʼasuafoɔ no , "Mote deɛ mayɛ yi ase anaa? 13 Mofrɛ me Ɔkyerɛkyerɛfoɔne Awuradea, modi me frɛ; ɛfiri , ɛno ne deɛ meyɛ. 14 me a meyɛ mo Awurade ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no mpo ahohoro mo nan ase a, ɛnneɛ, na ɛsɛ mo nso mohohoro hohoro mo ho mo ho nan ase. 15 Mayɛ yei de ayɛ nhwɛsoɔ ama mo sɛdeɛ mo nso mobɛyɛ saa ara. 16 Mereka nokorɛ akyerɛ mo , akoa nsene ne wura; saa ara nso na ɔsomafoɔ nsene deɛ ɔsomaa no no. 17 Afei a moate deɛ meyɛeɛ no ase yi, moyɛ saa bi a, mobɛnya nhyira.

18 "Ɛnyɛ mo nyinaa na mereka saa asɛm yi akyerɛ mo, menim wɔn a mayi wɔn. Nanso, ɛsɛ Atwerɛsɛm a ɛka , Onipa a ɔne me to nsa didi no, bɛyi me amano ba mu.

19 "Mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo ansa na aba mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛgye adi. 20 Mereka nokorɛ akyerɛ mo , obiara a ɔbɛgye deɛ masoma no no, ɔgye me nso, na obiara a ɔgye me no nso gye deɛ ɔsomaa me no."

Yesu Hyɛ Deɛ Ɔbɛyi No Ama Ho Nkɔm

21 Yesu kaa yeinom nyinaa wieeɛ no, ne ho yeraa no ma ɔpaee mu kaa , "Mereka nokorɛ akyerɛ mo, mo mu baako bɛyi me ama!"

22 Asuafoɔ no de ahodwirie hwehwɛhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim pɛɛ wɔhunu deɛ ɔde no no. 23 Na asuafoɔ no mu baako a Yesu nʼasɛm no te ne nkyɛn pɛɛ. 24 Simon Petro buu nʼani , "Bisa no na ɔnkyerɛ wo onipa ko a ɔreka ne ho asɛm no."

25 Ɛno enti saa osuani no twe bɛn Yesu bisaa no , "Awurade, ɛyɛ hwan?"

26 Yesu buaa , "Deɛ mede burodo bɛbɔ mu ama no no, ɔno na ɔbɛyi me ama." Na ɔde burodo bɔɔ mu de maa Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no. 27 Ɛberɛ a Yuda gyee burodo no na ɔbonsam bɛhyɛɛ ne mu.

Yesu ka kyerɛɛ no , "Deɛ wopɛ woyɛ no, no ntɛm!" 28 Wɔn a na wɔte adidiiɛ no mu biara ante asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no ase. 29 Esiane Yuda na ɔhwɛ asuafoɔ no sika so enti, na wɔsusu , Yesu reka akyerɛ no , ɔnkɔtɔ biribi a ɛho hia ma afahyɛ no anaasɛ ɔnkɔma ahiafoɔ biribi. 30 Yuda gyee burodo no na ɔfirii adi; saa ɛberɛ no na ɛyɛ anadwo.

Ahyɛdeɛ Foforɔ

31 Yuda firii adi kɔeɛ akyi no, Yesu kaa , "Afei na Onipa Ba no animuonyam ada adi; na Onyankopɔn nam Ɔba no so ada nʼanimuonyam adi. 32 Na ɛnam Ɔba no so na Onyankopɔn animuonyam da adi a, Onyankopɔn nso nam ne tumi so bɛda Onipa Ba no animuonyam adi. Ɔbɛyɛ yei ntɛm so.

33 "Me mma, ɛrenkyɛre biara, mɛgya mo . Sɛdeɛ meka kyerɛɛ Yudafoɔ mpanin no, mobɛhwehwɛ me, nanso morentumi mma faako a merekɔ no.

34 "Ahyɛdeɛ foforɔ na mede regya mo , Monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔ mo no. 35 Na mododɔ mo ho mo ho a, obiara bɛhunu moyɛ mʼasuafoɔ.’ "

Yesu Hyɛ Petro Ho Nkɔm

36 Simon Petro bisaa Yesu , "Awurade, ɛhe na worekɔ?" Yesu buaa no , "Faako a merekɔ no deɛ, worentumi nni mʼakyi; daakye bi wobɛba abɛka me ho."

37 Petro bisaa no , "Awurade, adɛn enti na merentumi nni wʼakyi saa ɛberɛ yi? Ɛyɛ owuo mpo a, mɛwu ama wo."

38 Yesu bisaa no , "Woasiesie wo ho ampa ara wobɛwu ama me anaa? Mereka nokorɛ akyerɛ wo , ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woapa me mprɛnsa."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-