Yesu Na Ɔyɛ Nokorɛ Bobe No
1 "Mene nokorɛ bobe no, na mʼAgya ne okuafoɔ no. 2 Dua aban biara a ɛnso aba no, ɔtwa twene, na dua aban biara a ɛso no, ɔyiyi ho na aso aba bebree. 3 Me nsɛm a maka akyerɛ mo no ama mo ho ate dada. 4 Montena me mu na me nso mentena mo mu. Dua aban biara ankasa rentumi nso aba gye sɛ ɛfam ne dutan ho. Saa ara nso na morentumi nso aba gye sɛ mote me mu.
5 "Mene bobe no; na mone dua aban no. Obiara a ɔte me mu na mete ne mu no bɛso aba bebree; sɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee.