37 Pilato see no sɛ, "Ɛnneɛ na woyɛ ɔhene?"
Yesu buaa no sɛ, "Wo na woseɛ sɛ meyɛ ɔhene. Adeɛ baako pɛ enti na wɔwoo me baa ewiase ha, sɛ memmɛdi nokorɛ ho adanseɛ. Obiara a ɔpɛ nokorɛ no tie me."
38 Pilato bisaa no sɛ, "Ɛdeɛn ne saa nokorɛ no?" Afei, Pilato firii adi kɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ.