Publicidade

João 19

23 Asraafoɔ no bɔɔ Yesu asɛnnua mu wieeɛ no, wɔkyɛɛ ne ntadeɛ mu maa asraafoɔ ɛnan no. Na saa atadeɛ no atadeɛ bi a, wɔanwono firi ne ɔsoro kɔsi ne fam a ɛnni mpameeɛ.

24 Asraafoɔ no nyinaa kaa , "Mommma yɛnntete mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yɛnhunu onipa a ɔbɛnya."

Adeɛ a wɔyɛeɛ yi sii sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Atwerɛsɛm a ɛka ,

"Wɔkyekyɛɛ me ntadeɛ mu,

bɔɔ so ntonto faeɛ" no bɛba mu.

Deɛ asraafoɔ no yɛeɛ ne no.

25 Nnipa a na wɔgyina Yesu asɛnnua no ho pɛɛ no ne ne maame, ne maame nuabaa, Maria, a ɔyɛ Kleopa yere ne Maria Magdalene. 26 Yesu hunuu ne maame ne osuani a ɔdɔ no no wɔgyina no, ɔka kyerɛɛ ne maame , "Ɔbaa, wo ba nie." 27 Afei, ɔka kyerɛɛ osuani no , "Wo maame nie." Ɛfiri saa ɛberɛ no, osuani no faa no ne no kɔtenaeɛ.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-