Pular para o conteúdo
Publicidade

João 2

Yesu Ma Nsuo Dane Nsa

1 Ne nnansa so, nnipa bi hyiaa ayeforɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so. Yesu maame kɔɔ saa ayeforɔhyia no bi. 2 Wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no nso kɔɔ bi. 3 Wɔgu so regye wɔn ani no, ayeforɔ no ase nsã saeɛ maa Yesu maame kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no , "Wɔn nsã a wɔrenom no asa."

4 Yesu ka kyerɛɛ ne maame , "Ɛdeɛn na wopɛsɛ me , me berɛ nnya nnuruiɛ."

5 Ne maame ka kyerɛɛ asomfoɔ no , "Biribiara a ɔbɛka monyɛ no, monyɛ."

6 Na aboɔ nsuhina nsia sisi ; yeinom mu na na Yudafoɔ de nsuo gu de hohoro wɔn ho amanneɛ kwan so. Na suhina biara tumi fa nsuo galɔn aduasa.

7 Yesu ka kyerɛɛ asomfoɔ no , "Momfa nsuo nhyehyɛ nhina no ma ma." Wɔde nsuo hyɛɛ no ma ma.

8 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Monsa bi nkɔma onipa a ayeforɔ no ho ntotoeɛ hyɛ ne nsa no."

9 Deɛ ayeforɔ no ho ntotoeɛ hyɛ ne nsa no kaa nsuo no a adane nsã no hwɛeɛ. Na ɔnnim baabi a na nsã no firi, nanso na asomfoɔ no deɛ, wɔnim. Ɔfrɛɛ ayeforɔkunu no 10 ka kyerɛɛ no , "Saa nsã yi nsã pa. Wonte afoforɔ a wɔaka no. Obiara a ɔto ɛpono de nsã pa di ɛkan ba nʼapontoɔ ase, na akyire yi, ɔde nsã a ɛnni mu aba. Nanso, wo deɛ, wode nsã pa no atwa toɔ!"

11 Saa nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu yɛɛ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan a ɔyɛɛ badwam de kyerɛɛ ne tumi firi ɔsoro. Ɛmaa nʼasuafoɔ no nso gyee no dii , ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no.

Veja também