Yesu Yi Ne Ho Adi Bio
1 Akyire no, Yesu yii ne ho adi bio wɔ Tiberia Po ho kyerɛɛ nʼasuafoɔ no mu bi. Ɛkwan a ɔfaa so yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no nie: 2 Saa ɛberɛ no, na Simon Petro, ne Toma (a wɔfrɛ no Ata), ne Natanael a ɔfiri Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne Yesu asuafoɔ no mu baanu na na wɔwɔ ɔtadeɛ no ho. 3 Wɔwɔ hɔ no, Petro ka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no sɛ, "Merekɔyi nam." Wɔn a na wɔka ne ho no ka kyerɛɛ no sɛ, "Yɛne wo bɛkɔ." Wɔn nyinaa kɔtenaa kodoɔ mu kɔɔ ɛpo, nanso saa anadwo no wɔanyi nam biara.
4 Adeɛ kyee anɔpa a anim retete no, Yesu bɛgyinaa mpoano hɔ, nanso na asuafoɔ no nnim sɛ ɛyɛ ɔno.
5 Ɔfrɛɛ asuafoɔ no bisaa wɔn sɛ, "Anuanom, moayi nam bi anaa?"
Wɔbuaa sɛ, "Dabi."
6 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Mongu mo asau no wɔ nifa fam na mobɛyi nam." Wɔguu asau no sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Nam yɛɛ asau no ma sei tɔ a na wɔtwe a ɛntwe.
7 Afei, osuani a Yesu dɔ no no ka kyerɛɛ Petro sɛ, "Ɛyɛ Awurade." Ɛberɛ a Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔhyɛɛ nʼatadeɛ, huri tɔɔ nsuo no mu dware kɔɔ mpoano hɔ. 8 Asuafoɔ a wɔaka no tenaa kodoɔ no mu baa mpoano hɔ bi. Wɔreba no, na wɔretwe asau a na nam ahyɛ no ma sei tɔ no. Ɛkwan a ɛfiri faako a wɔwɔ wɔ ɛpo no so ba mpoano hɔ no bɛyɛ mita ɔha. 9 Wɔduruu mpoano hɔ no wɔhunuu sɛ obi asɔ ogya retoto nam na burodo bi nso gu nkyɛn.
10 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Momfa nam a moayi no bi mmra." 11 Simon Petro foro kɔɔ kodoɔ no mu kɔtwee asau a na nam akɛseɛ bɛyɛ ɔha aduonum mmiɛnsa wɔ mu no baa mpoano hɔ. Ɛwom sɛ na nam ayɛ asau no ma deɛ, nanso antete.