16 "Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ ewiase nie; sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no di no anyera, na mmom wanya nkwa a ɛnni awieeɛ. 17 Onyankopɔn ansoma ne Ba amma ewiase sɛ ɔmmɛbu ewiase atɛn, na mmom, ɔsomaa no sɛ, ɔmmɛgye ewiase nkwa. 18 Obiara a ɔgye ɔba no di no, wɔremmu no atɛn; na deɛ ɔnnye no nni no, wɔabu no atɛn dada, ɛfiri sɛ, wannye Onyankopɔn Ba korɔ no anni. 19 Deɛ Onyankopɔn gyina so bu atɛn ne sɛ: Hann no aba ewiase, nanso nnipa ani gye sum ho sene Hann no, ɛfiri sɛ, wɔn nneyɛeɛ nyinaa yɛ bɔne.
Publicidade