Yesu Sa Onifirani Bi Yadeɛ
1 Yesu nam no, ɔhunuu aberanteɛ bi a wɔwoo no onifirani, 2 Nʼasuafoɔ no bisaa no sɛ, "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, saa onifirani yi awofoɔ bɔne a wɔyɛeɛ anaa ɔno ankasa bɔne enti na ama nʼani afira yi?"
3 Yesu buaa sɛ, "Ɛnyɛ nʼawofoɔ anaa nʼankasa bɔne enti na nʼani afira. Na mmom, nʼani afira sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi bɛyɛ ne ho adwuma. 4 Esiane sɛ adesaeɛ nkyɛre ba no enti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. Sɛ adeɛ sa a, obiara ntumi nyɛ adwuma. 5 Ɛberɛ a mewɔ ewiase yi deɛ, mene ewiase hann no."
6 Ɔkaa saa no, ɔtee ntasuo guu fam de fotɔɔ dɔteɛ na ɔde dɔteɛ no sraa onifirani no ani so. 7 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, "Kɔ ɔtadeɛ Siloa no mu, na kɔhohoro wʼanim."9.7 Siloa nkyerɛaseɛ ne "Somaa". Onifirani yi kɔ kɔhohoroo nʼanim san baeɛ a, afei deɛ ohunu adeɛ.
8 Onifirani no afipamfoɔ a wɔhunuu no sɛ ɔte ɛkwan ho srɛsrɛ adeɛ no hunuu no no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, "Ɛnyɛ aberanteɛ a na ɔsrɛsrɛ adeɛ no ni?"
9 Ebinom kaa sɛ, "Ɛyɛ ɔno," na afoforɔ nso kaa sɛ, "Dabi, ɛnyɛ ɔno, na mmom, sɛ na ɔsɛ no."
Aberanteɛ yi kaa sɛ, "Ɛyɛ me."
10 Nnipa no bisaa no sɛ, "Ɛyɛɛ dɛn na afei wohunu adeɛ yi?"
11 Ɔbuaa wɔn sɛ, "Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu no fotɔɔ dɔteɛ na ɔde sraa mʼani so na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔ ɔtadeɛ Siloa mu na kɔhohoro wʼanim’. Enti, mekɔeɛ. Mehohoroo mʼanim wieeɛ pɛ na mehunuu adeɛ."
12 Wɔsane bisaa no bio sɛ, "Saa Yesu no wɔ he?"
Ɔbuaa wɔn sɛ, "Mennim."