Publicidade

João 9

Yesu Sa Onifirani Bi Yadeɛ

1 Yesu nam no, ɔhunuu aberanteɛ bi a wɔwoo no onifirani, 2 Nʼasuafoɔ no bisaa no , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, saa onifirani yi awofoɔ bɔne a wɔyɛeɛ anaa ɔno ankasa bɔne enti na ama nʼani afira yi?"

3 Yesu buaa , "Ɛnyɛ nʼawofoɔ anaa nʼankasa bɔne enti na nʼani afira. Na mmom, nʼani afira sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi bɛyɛ ne ho adwuma. 4 Esiane adesaeɛ nkyɛre ba no enti, ɛsɛ yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. adeɛ sa a, obiara ntumi nyɛ adwuma. 5 Ɛberɛ a mewɔ ewiase yi deɛ, mene ewiase hann no."

6 Ɔkaa saa no, ɔtee ntasuo guu fam de fotɔɔ dɔteɛ na ɔde dɔteɛ no sraa onifirani no ani so. 7 Na ɔka kyerɛɛ no , "ɔtadeɛ Siloa no mu, na kɔhohoro wʼanim."9.7 Siloa nkyerɛaseɛ ne "Somaa". Onifirani yi kɔhohoroo nʼanim san baeɛ a, afei deɛ ohunu adeɛ.

8 Onifirani no afipamfoɔ a wɔhunuu no ɔte ɛkwan ho srɛsrɛ adeɛ no hunuu no no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho , "Ɛnyɛ aberanteɛ a na ɔsrɛsrɛ adeɛ no ni?"

9 Ebinom kaa , "Ɛyɛ ɔno," na afoforɔ nso kaa , "Dabi, ɛnyɛ ɔno, na mmom, na ɔsɛ no."

Aberanteɛ yi kaa , "Ɛyɛ me."

10 Nnipa no bisaa no , "Ɛyɛɛ dɛn na afei wohunu adeɛ yi?"

11 Ɔbuaa wɔn , "Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu no fotɔɔ dɔteɛ na ɔde sraa mʼani so na ɔka kyerɛɛ me , ɔtadeɛ Siloa mu na kɔhohoro wʼanim. Enti, mekɔeɛ. Mehohoroo mʼanim wieeɛ na mehunuu adeɛ."

12 Wɔsane bisaa no bio , "Saa Yesu no he?"

Ɔbuaa wɔn , "Mennim."

Farisifoɔ Nsɛmmisa Ayaresa No Ho

13 Wɔde aberanteɛ a na nʼani afira no brɛɛ Farisifoɔ no. 14 Ɛda a Yesu saa onifirani no yadeɛ no, na ɛyɛ homeda. 15 Farisifoɔ no nso bisaa aberanteɛ no sɛdeɛ ɛyɛeɛ a afei deɛ ɔhunuu adeɛ. Aberanteɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ Yesu de dɔteɛ a wɔafɔtɔ sraa nʼani so na ɔkɔhohoroeɛ na ɔhunuu adeɛ no.

16 Farisifoɔ no mu bi kaa , "Onipa a ɔyɛɛ saa adeɛ yi mfiri Onyankopɔn , ɛfiri , ɔnni homeda mmara no so."

Afoforɔ nso kaa , "Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔte sɛɛ yi bɛtumi ayɛ saa anwanwadwuma yi?" Saa akyinnyeɛ yi maa mpaapaemu baa wɔn mu.

17 Afei Farisifoɔ yi sane bisaa aberanteɛ no , "Wo na wose ɔma wohunuu adeɛ, ɛdeɛn asɛm na woka fa ne ho?"

Aberanteɛ yi buaa , "Megye di ɔyɛ odiyifoɔ a ɔfiri Onyankopɔn nkyɛn."

18 Yudafoɔ no annye anni ara da , na saa aberanteɛ no onifirani a afei deɛ ɔhunu adeɛ, kɔsi wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ nʼawofoɔ baeɛ 19 ma wɔbisaa wɔn , "Mo ba ni anaa? Mokyerɛ mowoo no no, na ɔyɛ onifirani anaa? Ɛyɛɛ dɛn na afei deɛ ɔhunu adeɛ yi?"

20 Nʼawofoɔ no buaa , "Yɛgye tom ɔyɛ yɛn ba, na yɛwoo no no nso, na ɔyɛ onifirani. 21 Nanso yɛnnim deɛ enti a afei deɛ ɔhunu adeɛ yi. Saa ara nso na yɛnnim onipa ko a ɔma ɔhunuu adeɛ no. Ɔno ara ni, nʼani nso afi a ɔbɛtumi akasa ama ne ho enti mommisa no." 22 Deɛ ɛmaa nʼawofoɔ no kaa saa ne , na wɔsuro Yudafoɔ mpanimfoɔ no a wɔaka , obiara a ɔbɛka Yesu ne Agyenkwa no no, wɔbɛpam no afiri asɔredan no mu no. 23 Yei enti na nʼawofoɔ no kaa , "Nʼani afi a ɔbɛtumi akasa ama ne ho enti mommisa no" no.

24 Wɔsane frɛɛ aberanteɛ a na ɔyɛ onifirani no ka kyerɛɛ no , "Hyɛ Onyankopɔn din mu , asɛm a yɛrebɛbisa wo yi wobɛdi nokorɛ. Yɛnim saa ɔbarima yi ɔdebɔneyɛfoɔ."

25 Aberanteɛ no buaa wɔn , "Me deɛ, ɔyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ o, nso ɔyɛ onipa pa o, ɛno deɛ, mennim. Deɛ menim ara ne , kane no na meyɛ onifirani na afei deɛ mehunu adeɛ."

26 Wɔbisaa no bio , "Ɛdeɛn na ɔyɛɛ wo ma wohunuu adeɛ?"

27 Aberanteɛ no de abufuo buaa wɔn , "Maka nokorɛ no akyerɛ mo, nanso moantie. Ɛdeɛn bio na mopɛ meka kyerɛ mo? Anaasɛ mo nso mopɛ mobɛyɛ nʼasuafoɔ?"

28 Mpanimfoɔ no yeyaa no sane kaa , "Wo mmom na woyɛ saa akoa no suani; na yɛn deɛ, yɛyɛ Mose asuafoɔ. 29 Yɛnim pefee Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose, nanso saa Yesu yi deɛ, faako a ɔfiri mpo, yɛnnim!"

30 Aberanteɛ yi ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no , "Ɛyɛ me nwanwa yie obi a ɔtumi ma onifirani hunu adeɛ no, motumi ka monnim faako a ɔfiri. 31 Yɛnim Onyankopɔn ntie nnebɔneyɛfoɔ asɛm; na mmom ɔtie nnipa a wɔdi no ni na wɔyɛ nʼapɛdeɛ no. 32 Ɛfiri adebɔ ahyɛaseɛ yɛntee da obi ama onifirani ahunu adeɛ da; 33 ɔbarima yi mfiri Onyankopɔn a, anka ɔrentumi nyɛ anwanwadeɛ a ɛte sei."

34 Mpanimfoɔ no nso de abufuo buaa no , "Ɔdebɔneyɛfoɔ te wo na wopɛ wokyerɛkyerɛ yɛn?" Wɔsunsum no firii asɔredan no mu .

Honhom Mu Anifiraeɛ

35 Ɛberɛ a Yesu tee wɔsunsum aberanteɛ no firii asɔredan no mu no no, ɔhwehwɛɛ no bisaa no , "Wogye Onipa Ba no di anaa?"

36 Aberanteɛ no buaa no , "Me wura, kyerɛ me saa Onipa Ba no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛgye no adi!"

37 Yesu ka kyerɛɛ no , "Woahunu no dada; ɔno na ɔne wo rekasa yi."

38 Aberanteɛ no de anigyeɛ kaa , "Awurade, megye medi." Afei, ɔkotoo Yesu.

39 Yesu kaa , "Mebaa ewiase ha merebɛbu atɛn, na mama wɔn a wɔyɛ anifirafoɔ no ahunu adeɛ, na makyerɛ wɔn a wɔgye di wɔhunu adeɛ no , wɔyɛ anifirafoɔ."

40 Farisifoɔ a na wɔgyinagyina no bisaa no , "Wopɛ wokyerɛ yɛyɛ anifirafoɔ anaa?"

41 Yesu buaa wɔn . "mogye tom moyɛ anifirafoɔ a, ɛnneɛ anka monni deɛ maka no ho . Esiane mogye to mu mohunu adeɛ enti motena afɔbuo mu."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-