Publicidade

Marcos 1

Yohane Osubɔni Asɛnka

1 Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho no, ahyɛaseɛ nie. 2 Wɔatwerɛ Odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu ,

"Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan.

Ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo."

3 "Nne bi reteam firi ɛserɛ so ,

Monsiesie ɛkwan mma Awurade,

mommɔ akwan a ɛtene mma no.’ "

4 Enti Yohane ba bɛbɔɔ asu ɛserɛ so, ɔkaa adwensakyera asubɔ a ɛma bɔnefakyɛ ho asɛm. 5 Nnipa fifiri Yerusalem ne Yudea nkuro so kɔhunuu Yohane, tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu Asubɔnten Yordan mu. 6 Na Yohane hyɛ atadeɛ a wɔde yoma nhoma na apam a aboa nhoma abɔsoɔ nso mu. Na nʼaduane ntutummɛ ne ɛwoɔ. 7 Ne nkyerɛkyerɛ no mu, ɔkaa , "Ɛrenkyɛre koraa, obi bɛba a ɔwɔ tumi sene me a, ne mpaboa ahoma mpo, mensɛ mekoto mesane. 8 Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!"

Yesu Asubɔ Ne Ne Sɔhwɛ

9 Ɛda bi, Yesu firii Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu ba maa Yohane bɔɔ no asu Asubɔnten Yordan mu. 10 Yesu firi nsuo no mu sii konkɔn so ara , ɔhunuu ɔsoro abue, na Honhom Kronkron resiane aborɔnoma aba ne so. Saa ɛberɛ no ara mu, 11 ɛnne bi firi ɔsoro kaa , "Wone me Ba a wosɔ mʼani."

12 Ɛhɔ ara, Honhom Kronkron de Yesu kɔɔ ɛserɛ so. 13 Ɔtenaa adaduanan a na obiara nka ne ho ka wiram mmoa nko ara. Ɛhɔ na ɔbonsam sɔɔ no hwɛeɛ. Akyire yi, abɔfoɔ ba bɛsom no.

14 Ɔhene Herode kyeree Yohane akyi no, Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa asɛmpa no . 15 Ɔkaa , "Ɛberɛ no awie du! Onyankopɔn Ahennie no abɛn. Monnu mo ho na monnye asɛmpa no nni!"

Asuafoɔ A Wɔdi Ɛkan No Frɛ

16 Ɛda bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ɔhunuu Simon ne ne nua Andrea wɔregu asau. 17 Yesu frɛɛ wɔn , "Mommɛdi mʼakyi! Na mɛma mo ayɛ nnipayifoɔ." 18 Ɛhɔ ara, wɔgyaa wɔn asau no guu bɛdii nʼakyi.

19 Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ɔhunuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane, ɛnna ɔbaako nso Yakobo, wɔte kodoɔ mu reyɛ wɔn asau ho adwuma. 20 Ɔfrɛɛ wɔn nso wɔmmɛdi nʼakyi. Ntɛm ara, wɔgyaa wɔn agya Sebedeo ne nʼapaafoɔ kodoɔ no mu bɛdii nʼakyi.

Yesu Tu Honhommɔne

21 Yesu ne nʼakyidifoɔ yi bɛduruu Kapernaum. Na Homeda duruiɛ no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa asɛmpa no. 22 Nnipa no tee asɛm no no, wɔn ho dwirii wɔn, ɛfiri , ɔkasaa te obi a ɔwɔ tumi, na mmom wankasa Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no. 23 Amonom ara, ɔbarima bi a ɔwɔ wɔn hyiadan no mu a ɔwɔ honhommɔne teaam mu , 24 "Ɛdeɛn na wo Nasareni Yesu ne yɛn ? Woaba worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no!"

25 Yesu teateaa honhommɔne no , "Mua wʼano! Firi ne mu !" 26 Honhommɔne no wosoo saa ɔbarima no, ma ɔteateaam den na ɛtu kɔeɛ.

27 Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn, ma wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho . "Nkyerɛkyerɛ foforɔ bɛn ni? Ahonhommɔne mpo tie ne nne!" 28 Saa anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ yi ho nsɛm trɛ faa Galileaman mu nyinaa.

Yesu Sa Nyarewa

29 Wɔfirii hyiadan no mu no, wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea efie. 30 Na Simon ase baa ɛda mpa so a huraeɛ akyere no, na wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Yesu. 31 Yesu kɔɔ baabi a ɔda , kɔsɔɔ ne nsa, ma ɔsɔre tenaa ase. Ɛhɔ ara, huraeɛ no tu firii ne so. Ɔsɔre noaa aduane maa wɔn.

32 Ɛduruu anwummerɛ no, nnipa no de ayarefoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ Yesu ɔnsa wɔn yadeɛ. 33 Kuro mu no nyinaa bɛboaa wɔn ho ano efie no aboboano, 34 na Yesu saa ayarefoɔ bebree yadeɛ. Ɔtuu ahonhommɔne bebree nso. Nanso, wamma ahonhommɔne no ankasa, ɛfiri , na wɔnim no.

Yesu Twee Ne Ho Kɔbɔɔ Mpaeɛ

35 Ahemadakye a na ɛnim nteteeɛ no, Yesu sɔre firii efie kɔɔ baabi a ɛhɔ dinn, kɔbɔɔ mpaeɛ . 36 Simon ne wɔn a wɔka ne ho firii adi kɔhwehwɛɛ no, 37 na wɔhunuu no no, wɔka kyerɛɛ no , "Nnipa bebree rehwehwɛ wo."

38 Ɔka kyerɛɛ wɔn , "Ɛsɛ yɛkɔ nkuro a aka no so, na mekɔka mʼasɛm kyerɛ wɔn, ɛfiri , ɛno enti na mebaeɛ." 39 Enti, ɔkɔɔ Galileaman mu baabiara kɔkaa asɛmpa no asɔredan mu, tuu ahonhommɔne bebree nso.

Yesu Sa Ɔkwatani Bi Yadeɛ

40 Ɔkwatani bi bɛkotoo no srɛɛ no , "ɛyɛ wo a, wobɛtumi ama me ho ate."

41 Yesu hunuu ɔkwatani no mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa no kaa , "Mepɛ! Wo ho mfi!" 42 Amonom ara, ne ho teeɛ, maa ne ho tɔɔ no!

43 Yesu bɔɔ nʼano dendeenden , 44 "Nka saa asɛm yi nkyerɛ obiara, na mmom, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ. worekɔ a, fa wʼafɔrebɔdeɛ a Mose ahyɛ akwatafoɔ a wɔasa wɔn yadeɛ mfa nka wɔn ho nkɔ no ka wo ho , sɛdeɛ ɛbɛma obiara ahunu wo ho atɔ wo bio." 45 Nanso, ɔrekorɔ no nyinaa, na ɔde nteateamu rebɔ nʼayaresa no ho dawuro. Esiane yei enti, Yesu baabiara a, nnipadɔm bɛtwa ne ho hyia. Ɛno enti, afei baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔnnyi ne ho adi. Enti, ɔtenaa ɛserɛ so maa nnipa bebree baa ne nkyɛn .

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-