Publicidade

Marcos 2

Yesu Sa Obubuafoɔ Bi Yadeɛ

1 Nna bi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum bio. Ɔduruu no nnipa pii tee waba . 2 Ankyɛre na nnipa bebree bɛhyɛɛ efie a na ɔwɔ mu no mu ma . Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. 3 Mmarima baanan bi de obubuafoɔ bi a wɔso no baa . 4 Esiane na wɔntumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no enti, wɔforoo ɛdan a Yesu mu no, kɔtuu tokuro atifi. Wɔde obubuafoɔ a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu, gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim. 5 Yesu hunuu wɔn gyidie a wɔwɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefoɔ no , "Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!"

6 Nanso Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔwɔ no tee deɛ Yesu kaeɛ no, wɔdwenee wɔn tirim 7 , "Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Ɔdwene ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na ɔtumi de bɔne kyɛ."

8 Yesu hunuu wɔn adwene no, ɛhɔ ara, ɔka kyerɛɛ wɔn , "Adɛn na moma asɛm a mekaeɛ yi ha mo? 9 Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ? obi bɛka akyerɛ obubuafoɔ no , Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ, Fa wo kɛtɛ na nante? 10 Enti mɛkyerɛ mo Onipa Ba no tumi ɔde bɔne kyɛ." Enti ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no , 11 "Mese wo , sɔre gyina . Fa wo kɛtɛ, na wo efie na wo ho atɔ wo." 12 Obubuafoɔ yi sɔre bobɔɔ ne kɛtɛ, na ɔde anigyeɛ ne ahosɛpɛ faa nnipadɔm no mu kɔeɛ. Nnipa no ho dwirii wɔn, ma wɔkamfoo Onyankopɔn , "Yɛnhunuu yei bi da!"

Yesu Frɛ Lewi

13 Yesu sane kɔɔ mpoano bio, na ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipakuo a wɔahyia no. 14 Ɛberɛ a ɔnam mpoano no, ɔhunuu Alfeo ba Lewi ɔte atogyeɛ. Ɔhunuu no no ɔka kyerɛɛ no , "Di mʼakyi." Ɛhɔ ara, Lewi sɔre dii nʼakyi.

15 Saa ɛda no anadwofa, Lewi too ɛpono, too nsa frɛɛ nʼafɛfoɔ ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bi wɔmmra na ɔne wɔn ne Yesu ne nʼasuafoɔ no nto nsa nnidi. Nnipa a wɔdii Yesu akyi no bi te Lewi ara . 16 Farisifoɔ no hunuu ɔne nnebɔneyɛfoɔ ne ɔtogyefoɔ ato nsa redidi no, wɔbisaa nʼasuafoɔ no , "Adɛn enti na ɔne ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ to nsa didi?"

17 Yesu tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔbuaa wɔn , "Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɔyaresafoɔ ho nhia wɔn, na wɔn a wɔyare no na ɔyaresafoɔ ho hia wɔn. Mamma merebɛka akyerɛ teneneefoɔ wɔnsakyera wɔn adwene na mmom, nnebɔneyɛfoɔ."

Mmuadadie Ho Asɛmmisa

18 Ɛda bi a Yohane Osubɔni akyidifoɔ ne Farisifoɔ no redi mmuada no, nnipa bi kɔɔ Yesu nkyɛn kɔbisaa no , "Adɛn enti na Yohane ne Farisifoɔ no akyidifoɔ di mmuada na wʼakyidifoɔ deɛ, wɔnni mmuada?"

19 Yesu nso bisaa wɔn , "Moahunu ayeforɔkunu nnamfo a wɔbɛba ayeforɔ ase a wɔbɛka , wɔredi mmuada enti wɔrennidi anaa? Mmerɛ dodoɔ a wɔne ayeforɔkunu no nam no deɛ, wɔrenni mmuada da. 20 Nanso, ɛda bi bɛba a, wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn. Saa ɛberɛ no na wɔbɛdi mmuada.

21 "Ɛte wode ntoma foforɔ atare ntoma dada mu. Ɛdeɛn na ɛba? Ntaremu no bɛte ntoma dada no mu, na ayi afiri mu, na ama tokuro a ɛda no aso asene kane deɛ no. 22 Monim , wɔmfa nsã foforɔ ngu aboa nwoma nkotokuo dada mu. Anyɛ saa a, ɛbɛpae. Nsa no bɛhwie agu, na nkotokuo a nsã no mu no nso bɛpaapae. Ɛsɛ wɔde nsã foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu."

Homeda Die Ho Asɛm

23 Homeda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ nam aburoofuo bi mu no, asuafoɔ no pempan aburoo no bi weeɛ. 24 Farisifoɔ no bi ka kyerɛɛ Yesu , "Ɛnni ho kwan wɔyɛ saa! Yɛn mmara mma ho ɛkwan wɔbu aburoo Homeda."

25 Yesu nso bisaa wɔn , "Monkenkanee deɛ Ɔhene Dawid yɛeɛ, ɛberɛ a ɛkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no, 26 ne sɛdeɛ ɔkɔɔ Onyankopɔn efie, Ɔsɔfopanin Abiatar berɛ so, na ɔne wɔn a wɔka ne ho kɔdii burodo a wɔde abɔ afɔdeɛ ama Onyankopɔn no, a obiara nni ho ɛkwan ɔdi, agye asɔfoɔ nko ara no pɛn? Na ɛno nso tia mmara.

27 "Onipa enti na wɔyɛɛ Homeda, na ɛnyɛ Homeda enti na wɔbɔɔ onipa. 28 Na me, Onipa Ba no mpo, meyɛ Homeda no nso wura!"

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-