Publicidade

Marcos 5

Yesu Sa Ɔbarima Bi A Ɔwɔ Honhommɔne Yadeɛ

1 Yesu ne nʼasuafoɔ bɛduruu ɛpo no fa baabi Gerasefoɔ asase so. 2 Ɔresi afiri kodoɔ no mu no, ɔbarima bi a honhommɔne ne mu de mmirika firi amusieeɛ bɛhyiaa no. 3 Na saa ɔbarima yi te amusieeɛ . 4 Ɔyɛ obi a na ne ho den yie enti, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mpo gu ne nsa a, ɔtumi bubu mu a obiara ntumi nkɔ nʼanim. 5 Anadwo ne awia nyinaa na ɔnenam amusieeɛ mmepɔ no mu a, ɔde aboɔ a ano nam twitwa ne ho.

6 Ɔbarima yi hunuu Yesu akyirikyiri no, ɔtuu mmirika, bɛbuu no nkotodwe. 7 Ɔteateaam , "Yesu, Ɔsorosoro Onyankopɔn no Ba, ɛdeɛn na wowɔ ne me ? Mesrɛ wo, ɛnyɛ me ayayadeɛ biara!" 8 Yesu tiaa honhommɔne a ɛwɔ ɔbarima no mu no , "Honhommɔne, firi ne mu fi!"

9 Yesu bisaa no , "Wɔfrɛ wo sɛn?"

Ɔbuaa Yesu , "Me din de Ɛdɔmɛfiri , yɛdɔɔso." 10 Afei, ɔsrɛɛ Yesu anibereɛ so ɔmmpam wɔn nkɔ akyirikyiri.

11 Saa ɛberɛ no, na mprakokuo bi redidi bepɔ no nkyɛn baabi a ɛbɛn ɛpo no. 12 Enti, ahonhommɔne no srɛɛ Yesu , "Tu yɛn na yɛnkɔhyɛ mprako no mu." 13 Yesu maa wɔn ho ɛkwan ma wɔkɔhyɛɛ mprako no mu. Mprako no de ahoɔherɛ sianee bepɔ no kɔguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn.

14 Mprakohwɛfoɔ no dwane baa nkuro a ɛbɛn no mu bɛkaa deɛ wɔahunu no kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔteeɛ no kɔhwɛɛ deɛ asie no. 15 Nnipakuo no duruu baabi a Yesu no, wɔhunuu ɔbarima a na honhommɔne ahyɛ no ma no ɔte dinn a nʼadwenem ate no. Yei maa wɔn ho dwirii wɔn. 16 Wɔn a wɔhunuu asɛm a asi no ka kyerɛɛ afoforɔ, 17 maa nnipakuo no srɛɛ Yesu , ɔmfiri wɔn nkyɛn nkɔ, na wɔn ho ntɔ wɔn!

18 Enti, ɔsane foro kɔtenaa kodoɔ no mu. Ɔbarima a na honhommɔne ne mu no srɛɛ Yesu ɔpɛ ɔne no . 19 Nanso, Yesu kaa , "Dabi, na na kɔka anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi ne nʼahummɔborɔ ho asɛm kyerɛ wʼabusuafoɔ." 20 Enti, ɔbarima no firi kɔɔ Dekapoli, "Nkuro Edu" no a, ɛwɔ saa ɔmantam no mu, kɔkaa anwanwadeɛ a Yesu ayɛ ama no no kyerɛɛ obiara. Wɔtee asɛm no, wɔn ho dwirii wɔn.

21 Yesu de kodoɔ no tware baa ɛpo no fa baabi no, nnipakuo bɛtwaa ne ho hyiaa mpoano . 22 Asafopanin bi a na ɔwɔ a wɔfrɛ no Yairo no, buu Yesu nkotodwe, 23 srɛɛ no , ɔnsa ne babaa yadeɛ mma no. Ɔfiri ahoyera mu ka kyerɛɛ Yesu , "Abɔfra no rewu, enti mesrɛ wo , fa wo nsa bɛka no na ɔnnya nkwa." 24 Yesu ne no kɔeɛ a nnipakuo no di wɔn akyi.

25 Na ɔbaa bi a watu mogya mfirinhyia dumienu ka nnipakuo no ho. 26 Ɔde ne yadeɛ no akyin ayaresafoɔ bebree so, atua sika bebree ama wayɛ ohiani, nanso na ne ho ntɔ no ara. 27 Na wate anwanwadeɛ a Yesu ayɛ no nyinaa, na ɛno enti ɔde ne ho fraa nnipakuo no, firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. 28 Ɔdwenee ho kaa , "metumi nya ne ho ɛkwan, de me nsa nʼatadeɛ mu kɛkɛ a, me ho bɛtɔ me." 29 Ampa ara, ɛsɔ a ɔsɔɔ nʼatadeɛ no mu , na mogya no twa maa ne ho tɔɔ no!

30 Amonom ara, Yesu tee nka tumi bi afiri ne mu. Ɔdanee ne ho kyerɛɛ nnipakuo no bisaa , "Hwan na ɔsɔɔ mʼatadeɛ mu no?"

31 Nʼasuafoɔ no buaa , "Saa nnipakuo a obiara de ne ho twitwiri ne yɔnko yi na worebisa , Hwan na ɔde ne nsa aka mʼatadeɛ?’ "

32 Nanso, ɔpɛɛ ɔhunu onipa ko a ɔsɔɔ nʼatadeɛ mu no. 33 Ɛberɛ a ɔbaa no hunuu asɛm a asie no, ɔde ahopopoɔ bɛbuu Yesu nkotodwe kaa deɛ ɔyɛeɛ no kyerɛɛ no. 34 Yesu ka kyerɛɛ no , "Ɔbabaa, wo gyidie ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoeɛ ; wo yadeɛ no agyae."

Yairo Babaa No Nyane

35 Ɔgu so rekasa kyerɛ ɔbaa no no, abɔfoɔ firi Yairo efie bɛbɔɔ amaneɛ , Yairo babaa no awu, enti ɛho nhia Yesu bɛba bio.

36 Yesu antie deɛ na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo , "Nsuro, gye di ara."

37 Afei, Yesu amma obiara anni nʼakyi ankɔ Yairo efie gye Petro, Yakobo ne Yohane. 38 Ɛberɛ a Yesu duruu no, ɔhunuu ɛhɔ nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwoɔ. 39 Ɔkɔɔ efie no mu ne wɔn a wɔwɔ no kɔkasaeɛ. Ɔbisaa wɔn , "Adɛn ne agyaadwotwa ne gyegyeegye yi? Abɔfra no nwuiɛ; nna na wada!" 40 Wɔn a wɔwɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔseree no.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ efie no , wɔn nyinaa mfiri adi. Ɔne abɔfra no agya ne ne maame ne nʼasuafoɔ baasa no kɔɔ deɛ abɔfra no da . 41 Ɔsɔɔ abɔfra no nsa kaa , "Talita, Kumm!" a aseɛ ne "Abaayewa, mese wo sɔre!" 42 Amonom ara, abaayewa no sɔreeɛ, na ɔfiri aseɛ nanteeɛ. Na saa abaayewa no adi mfeɛ dumienu. Asɛm a ɛsiiɛ yi maa wɔn ho dwirii wɔn yie. 43 Yesu bɔɔ wɔn ano wɔnnka asɛm a asie no nkyerɛ obiara, na mmom, wɔmma abɔfra no aduane nni.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-