Pular para o conteúdo
Publicidade

Marcos 5

38 Ɛberɛ a Yesu duruu no, ɔhunuu ɛhɔ nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwoɔ. 39 Ɔkɔɔ efie no mu ne wɔn a wɔwɔ no kɔkasaeɛ. Ɔbisaa wɔn , "Adɛn ne agyaadwotwa ne gyegyeegye yi? Abɔfra no nwuiɛ; nna na wada!" 40 Wɔn a wɔwɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔseree no.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ efie no , wɔn nyinaa mfiri adi. Ɔne abɔfra no agya ne ne maame ne nʼasuafoɔ baasa no kɔɔ deɛ abɔfra no da . 41 Ɔsɔɔ abɔfra no nsa kaa , "Talita, Kumm!" a aseɛ ne "Abaayewa, mese wo sɔre!" 42 Amonom ara, abaayewa no sɔreeɛ, na ɔfiri aseɛ nanteeɛ. Na saa abaayewa no adi mfeɛ dumienu. Asɛm a ɛsiiɛ yi maa wɔn ho dwirii wɔn yie.

Veja também