Pular para o conteúdo
Publicidade

Marcos 7

11 Nanso, moka , ɛyɛ obi bɛka akyerɛ nʼagya anaa ne maame a adeɛ bi hia no no , Merentumi mmoa mo! Ɛfiri , mede deɛ anka ɛsɛ mede ma mo no ama Onyankopɔn. 12 Enti, mobu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛeɛ no so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛtumi abɔ mo amanneɛ ho ban. 13 Yei nhwɛsoɔ baako . Nanso, bebree ka ho."

14 Afei, Yesu frɛɛ nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn , "Mo nyinaa montie asɛm a mereka yi yie, na monte aseɛ. 15 Adeɛ biara a ɛkɔ onipa mu no, ngu ne ho fi. Na mmom, deɛ ɛbɛfiri onipa mu aba no, na ɛgu ne ho fi.

Veja também