Publicidade

Marcos 7

Honhom Fam Ahoteɛ

1 Ɛda bi, Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ binom a wɔfiri Yerusalem baa Yesu nkyɛn. 2 Wɔduruu no, wɔhunuu nʼasuafoɔ no bi redidi a wɔanhohoro wɔn nsa ho. 3 Na Yudafoɔ no, ne titire no Farisifoɔ no, nnidi da, gye wɔahohoro wɔn nsa ho nyinaa, sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ, ansa na wɔadidi. 4 Na wɔfiri dwa so ba a, wɔhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Yei mmara bebree a wɔfiri tete adi so no mu baako. Na mmara no bi ne , wɔhohoro nkuruwa, asɛn ne nwowa mu.

5 Enti, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no bisaa Yesu , "Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni yɛn amanneɛ a ɛfiri tete no so? Ɛfiri , wɔdidi a, wɔnni ɛkan nhohoro wɔn nsa sɛdeɛ amanneɛ kyerɛ no."

6 Yesu buaa wɔn , "Mo nyaatwomfoɔ! Asɛm a Yesaia ka faa mo ho ,

" Saa nnipa yi de wɔn ano na ɛdi me ni,

nanso wɔn akoma mmɛn me ho baabiara no nokorɛ turodoo!

7 Wɔsom me kwa;

na wɔn nkyerɛkyerɛ nnipa nsa ano mmara

8 Mogya Onyankopɔn mmara a wahyehyɛ no de mo ankasa mo amanneɛ si ananmu.

9 "Moahyɛ da mobɛpo Onyankopɔn mmara no, na moatiatia so, ama mo amanneɛ no atim. 10 Ɛho nhwɛsoɔ bi ne , Mose de Onyankopɔn mmara a ɛka , Di wʼagya ne wo maame nino maa. Ɔkaa , obiara a ɔbɛkasa atia nʼagya anaa ne maame no, ɛsɛ wɔkum no. 11 Nanso, moka , ɛyɛ obi bɛka akyerɛ nʼagya anaa ne maame a adeɛ bi hia no no , Merentumi mmoa mo! Ɛfiri , mede deɛ anka ɛsɛ mede ma mo no ama Onyankopɔn. 12 Enti, mobu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛeɛ no so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛtumi abɔ mo amanneɛ ho ban. 13 Yei nhwɛsoɔ baako . Nanso, bebree ka ho."

14 Afei, Yesu frɛɛ nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn , "Mo nyinaa montie asɛm a mereka yi yie, na monte aseɛ. 15 Adeɛ biara a ɛkɔ onipa mu no, ngu ne ho fi. Na mmom, deɛ ɛbɛfiri onipa mu aba no, na ɛgu ne ho fi. 16 Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no ntie."

17 Afei, Yesu firii nnipakuo no mu kɔɔ efie no, nʼasuafoɔ no bisaa no asɛm a ɔkaeɛ no ase. 18 Ɔbisaa wɔn , "Mo nso monte asɛm a mekaeɛ no ase? Monhunu , deɛ modie no ngu mo ho fi anaa? 19 Ɛfiri , deɛ modie biara no ne mo akoma nni hwee , na mmom, ɛfa ɔyafunu no mu kɛkɛ."

20 Ɔtoaa so , "Deɛ ɛfiri onipa mu ba no na ɛgu ne ho fi. 21 Afei, deɛ ɛfiri nnipa akoma mu ba no, ɛde adwamammɔ, korɔno, awudie, 22 adifudepɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibereɛ, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba. 23 Saa nnebɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba, na ɛnonom na ɛgu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim."

Ɔbaa Bi Gyidie

24 Yesu firi no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛɛ ɔrekɔhyɛ komm a, obiara nte ne nka, nanso anyɛ yie. Ɛda a ɔduruu ara , na nkurɔfoɔ tee ne nka waba . 25 Ɛhɔ ara na ɔbaa bi a honhommɔne hyɛ ne babaa ketewa bi mu baa ne nkyɛn. Na wate Yesu nka enti, ɔbɛbuu no nkotodwe. 26 Ɔbaa no srɛɛ no ɔntu saa honhommɔne no mfiri ne ba no mu mma no. Na saa ɔbaa yi Helani a wɔwoo no Siro-Foinike.

27 Yesu ka kyerɛɛ no , "Ɛsɛ mma no mee ansa. Na ɛnyɛ wɔde mma aduane ma nkraman."

28 Ɔbaa no nso buaa no , "Owura, ɛyɛ nokorɛ deɛ, nanso ɛyɛ a, wɔde aduane a aka mmɔfra no prɛte mu no bi ma nkraman a wɔhyehyɛ ɛpono no ase no."

29 Yesu ka kyerɛɛ no , "Wo mmuaeɛ pa no enti, masa wo babaa no yadeɛ. efie. Honhommɔne no afiri ne mu afi."

30 Ɔduruu efie no, ɔhunuu ne babaa no da mpa so dinn a honhommɔne no afiri ne mu ampa ara.

Mumu Sotifoɔ Bi Ayaresa

31 Yesu firi Tiro no, ɔfaa Sidon mansini a emu nkuro edu no so, bɛduruu Galilea Po so. 32 Wɔde ɔsotifoɔ bi a ɔsane mumu brɛɛ no. Wɔn a wɔwɔ no nyinaa srɛɛ Yesu , ɔmfa ne nsa nka ɔyarefoɔ no, na ɔnsa no yadeɛ.

33 Yesu sɔɔ ne mu de no firii nnipakuo no mu. Afei, ɔde ne nsateaa hyɛɛ ɔbarima no asom, tee ntasuo de kaa ne tɛkrɛma. 34 Ɔhwɛɛ soro, guu ahome teaam , "Hefata!" Aseɛ ne, "bue!" 35 Amonom ara, ɔbarima no tumi tee asɛm, na ɔhyɛɛ aseɛ kasaeɛ!

36 Yesu bɔɔ nnipakuo no ano , wɔmmmɔ asɛm no dawuro nkyerɛ obiara. Nanso, mpɛn dodoɔ a ɔbraa wɔn no, na trɛ ara na wɔn nso wɔretrɛ asɛm no mu. 37 Saa asɛm yi maa wɔn ho dwirii wɔn yie. Enti, wɔkaa , "Yesu ayɛ adeɛ nyinaa yie, ɔma asotifoɔ mpo te asɛm, na mumu nso kasa!"

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-