Publicidade

Marcos 8

Nnipa Mpemnan Aduanema

1 Ɛda koro bi a nnipakuo bi aba Yesu nkyɛn no, aduane a wɔdi no saeɛ. 2 Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ ka kyerɛɛ wɔn , "Nnipa yi me mmɔbɔ. Wɔabɛdi nnansa ha a, wɔnni aduane biara a wɔbɛdi bio. 3 megya wɔn ɛkwan wɔnkɔ a wonnidiiɛ a, anhwɛ a na wɔn mu bi atotɔ baha ɛkwan so, ɛfiri , wɔn mu bi firi akyirikyiri na wɔbaeɛ."

4 Nʼasuafoɔ no bisaa no , "Ɛhefa na yɛbɛnya aduane ama saa nnipa dodoɔ yi ɛserɛ yi so ha?"

5 Ɔbisaa wɔn , "Burodo ahe na mowɔ?"

Wɔbuaa no , "Yɛwɔ nson."

6 Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no wɔntenatena ase ɛserɛ no so. Afei, ɔfaa burodo nson no, na ɔhyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyɛ maa nnipa no. 7 Na wɔwɔ mpataa kakra , enti Yesu hyiraa ɛno nso so, de maa asuafoɔ no wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn. 8 Nnipakuo no didi meeɛ no, ɔgyaa wɔn ɛkwan. 9 Nnipa a wɔdii aduane no dodoɔ bɛyɛ mpemnan. Na wɔtasee aseɛ nnikaeɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma nson. 10 Yei akyi no, ɔne nʼasuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ mu baa Dalmanuta fam.

Ɔsoro Nsɛnkyerɛnneɛ

11 Farisifoɔ no tee Yesu aba no, wɔbaa ne nkyɛn bɛbisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛɛ. Wɔka kyerɛɛ no , "nsɛnkyerɛnneɛ bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnneɛ bi nna adi ewiem nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yɛbɛgye wo adi." 12 Yesu tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔguu ahome, ka kyerɛɛ wɔn , "Deɛn enti na mohwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ daa yi? Nsɛnkyerɛnneɛ biara nni a mɛyɛ akyerɛ mo." 13 Ɔsane kɔtenaa kodoɔ no mu, gyaa wɔn, tware kɔɔ asuogya nohoa.

Herode Ne Farisifoɔ Mmɔka

14 Asuafoɔ no werɛ firii wɔfa aduane bi kura ansa na wɔakɔ. Aduane a na wɔkura kodoɔ no mu no burodo baako . 15 Wɔretwa asuo no no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Monhwɛ mo ho so yie Ɔhene Herode ne Farisifoɔ mmɔreka ho."

16 Asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho , "Asɛm a ɔreka yi ase ne sɛn?" Deɛ wɔn adwene kyerɛɛ wɔn ne , ebia ɔreka aduane a wɔn werɛ firii wɔbɛfa akuta no ho asɛm.

17 Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn , "Ɛnyɛ ɛno ho asɛm na mereka! Monnte yei ase anaa? Mo akoma da so pirim? 18 Mowɔ ani nso monhunu adeɛ? Mowɔ aso nso momfa nte asɛm? Na monnkae biribi anaa? 19 Ɛberɛ a mebubuu burodo enum mu maa nnipa mpemnum no, nnikaeɛ nkɛntɛmma ahe na motaseeɛ?"

Wɔkaa , "Dumienu."

20 "Na mesane de burodo nson maa nnipa mpemnan no nso, ahe na ɛkaeɛ?"

Wɔkaa , "Nkɛntɛmma nson."

21 Ɔbisaa wɔn bio , "Monnte ase ara anaa?"

Onifirani Bi Ayaresa Betsaida

22 Ɛberɛ a wɔduruu Betsaida no, nnipa bi de onifirani bi brɛɛ no, srɛɛ no ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yadeɛ. 23 Yesu sɔɔ onifirani yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtee ntasuo guu onifirani no ani so, na ɔde ne nsa guu no so. Yesu bisaa no , "Wohunu adeɛ anaa?"

24 Onifirani no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro, buaa , "Aane, mehunu nnipa! Nanso mehunu wɔn nnua bi na wɔnenam ."

25 Afei, Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifirani no buee nʼani, na ɛberɛ a ɔrehwɛ adeɛ haa no, nʼani no yɛɛ yie a afei deɛ na ɔhunu biribiara kann. 26 Yesu ma ɔkɔɔ efie, ka kyerɛɛ no , "Nsane nkɔ akuraa no ase bio."

Petro Ka Yesu Ne Kristo No

27 Yesu ne nʼasuafoɔ no firi Galilea kɔɔ Kaesarea ne Filipi nkuraa ase. Wɔnam ɛkwan so rekɔ no, ɔbisaa wɔn , "Nnipa ka mene hwan?"

28 Asuafoɔ no buaa , "Ebinom se wone Yohane Osubɔni no, na afoforɔ nso se woyɛ Elia anaasɛ tete adiyifoɔ no mu bi a wasane aba."

29 Na ɔbisaa wɔn , "Na mo nso mose meyɛ hwan?"

Petro buaa no , "Wone Kristo no."

30 Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ , wɔnnka nkyerɛ obiara.

Yesu Hyɛ Ne Owuo Ne Ne Wusɔreɛ Ho Nkɔm

31 Afei, ɔhyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ wɔn Onipa Ba no bɛhunu amane, na mpanimfoɔ, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no bɛpo no, na wɔakum no, na nnansa so, Onipa Ba no bɛsɔre. 32 Ɔkaa asɛm no pefee a wamfa biribiara ansie wɔn. Petro twee no gyinaa nkyɛn, bisaa no , "Adɛn enti na woka asɛm a ɛte sɛɛ yi?"

33 Yesu danee ne ho hwɛɛ nʼasuafoɔ no, kaa Petro anim , "Firi me so, ɔbonsam! Wʼadwene deɛ ɛfiri onipa na ɛnyɛ deɛ ɛfiri Onyankopɔn."

Ahopakyire

34 Afei, ɔfrɛɛ nʼasuafoɔ no ne nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn wɔmmɛtie no. Ɔka kyerɛɛ wɔn , "obi ɔdi mʼakyi a, ɛsɛ ɔpa ne ho akyi, na ɔsoa nʼasɛnnua, na ɔdi mʼakyi. 35 Deɛ ɔma ne ɔkra som no bo no, ɛbɛfiri ne nsa. Na deɛ me ne Asɛmpa no enti, ɔbɛhwere ne kra no, wɔbɛgye ne nkwa. 36 Na onipa nya ewiase nyinaa, na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? 37 Ɛdeɛn na ɛsom bo sene ne kra? 38 Na obiara a saa nna bɔne yi mu nʼani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ me, Onipa Ba no, aniwu ɛberɛ a me ne mʼabɔfoɔ kronkron no bɛsane aba mʼAgya animuonyam mu no."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-