Publicidade

Malaquias 4

Awurade Da

1 "Ampa ara, ɛda no reba; ɛbɛdɛre te fononoo. Ahomasofoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ nyinaa bɛyɛ wiradwaneɛ, na saa da a ɛreba no, wɔde ogya bɛto mu," sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. "Ɛrenka nhini anaa dubaa ɛmma wɔn. 2 Nanso, mo a mode anidie ma me din no, tenenee awia bɛpue ama mo, na ɛde ayaresa bɛba. Na mobɛpue na moahurihuri te anantwie mma a wɔabue wɔn afiri wɔn buo mu. 3 Na mobɛtiatia atirimuɔdenfoɔ so; wɔbɛyɛ nsõ mo nan ase, da a mɛyɛ saa nneɛma yi." Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

4 "Monkae mʼakoa Mose mmara ne ahyɛdeɛ a mede maa no Horeb so ɔmfa mma Israelfoɔ nyinaa.

5 "Mɛsoma Odiyifoɔ Elia aba mo nkyɛn, ansa na Awurade da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba. 6 Ɔbɛdane agyanom akoma akɔ wɔn mma so, na wadane mma nso akoma akɔ agyanom so, anyɛ saa a, mede nnome bɛba abɛsɛe asase no."

Veja também

Malaquias
Ver todos os capítulos de Malaquias
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-